Waters of LifeBiblical Studies in Multiple Languages |
|
Home Bible Treasures Afrikaans |
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba
Previous Lesson -- Next Lesson YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
B - Deɛ Ɛsiiɛ Ansana Awurade Ɛdidie No (Yohanne 13:1-38)
2. Deɛ oyii No maaeɛ no daa ne ho ɛdi na ɔbɛyɛɛ otuatewni (Yohanne 13:18-32)YOHANNE 13:18-19 Yuda tenaase wɔ awerɛhoɔ mu, ɛfirisɛ woanndɔ ɔsompa ne ahobrɛaaseɛ. Na mmom ɔfaa ɛtutrasɛmdie kwan so, nhyɛsoɔ ne aniberɛ. Na ɔpɛɛsɛ ɔfa ndaadaa kwan so de hyɛ Yesu so. ɔpɛɛsɛ ɔde nhyɛsoɔ bɛteetee Kristo no de anya tumi. Na ɛfei nso na nakoma mu no na ɔyɛ ɔtanfoɔ, a ɔpɛsɛ ɔto hyɛ Yesu so na ɔma wokum no. Na woanntumi annhunu deɛ ɔdɔ tumi yɛ na mmom ahantan hyɛɛ no ma, na Yesu deɛ ɔbrɛɛ Ne ase yiye. Yuda de ahomasoɔ ne nhyɛsoɔ ne atutrasɛmdie sii nani so, na Yesu deɛ ɔde ahobrɛaaseɛ ne ɔsompa na ɛbɔɔ ne bra. Yesu siesiee nasuafoɔ no wɔ dɔn a wɔbɛyi no ama mu, na ammma won anya agyingyegyeɛ wɔ won mu, sɛ woyi no ma amanaman mufoɔ no a. Ɔno ne Awurade no, ɛno nti ɔkaa namaneɛhunu ho asɛm kyerɛɛ won koraa anasa ɛreba mu, na ɔfrɛɛ ne ho sɛ ME NE NO. Na saa asɛm yi mu na Onyankopɔn de yii ne ho ɛdie kyerɛɛ Moses wɔ ogya a na ɛredɛre no mu. Na ɔpɛɛsɛ osi so dua kyerɛ nasuafoɔ no wɔ gyidie mu fa ne Nyamesu tumi mu, na ama won anya ne mu gyidie a agyingyegyeɛ biara nni mu. YOHANNE 13:20 Yesu yii nasuafoɔ no frii osuro a ɛfa na manehunu ne ne wuo no mu. Ne banbɔ ne ɔsoma a ɔsomaa won no bɛkora won so. Yesu somaa nakyidifoɔ no nyinaa na odii won anim ne won kɔɔeɛ. Na ne nkoa nyinaa kɔyɛ nadwuma wɔ ne din mu na mmom ɛnnyɛ won ankasa din mu na wɔnam na mmom wɔnam won Awurade no din mu. Na obiara a ɔgye won no, gye Onyankopɔn Bassa Koro no. Na obiara ɔgye won nsɛm die no, wɔbɛyɛ Onyankopɔn mma. Na saa adwuma yi yɛ adwuma a ɛyɛ den yiye; na ɛyɛ ahopa akyi ne sɛ wobɛdɔ woatafoɔ nso, ɛne sɛ wobɛgyina pintinn nso wɔ woahokyerɛ mu nso. Na ne nyinaa mu no wonim sɛ Onyankopɔn te won mu. Na baabiara a wɔbɛkorɔ no, ɔno won na ɛkorɔ, ne baabiara a ɔpɛsɛ wɔsom no, na ne Honhom no kyerɛ won kwa pa kɔ ne botaeɛ mu, na ama won atumi ɛwie nadwuma a ɔwɔ ma won nyinaa. MPAEBƆ: Awurade Yesu Kristo, boa me na me na menhunu sɛ menntumi nntena wo mu, agyesɛ mabɛyɛ woakoa ansana. Mepɛsɛ me hunu wo wɔ mabrabɔ mu, na mayɛ ahobrɛaaseɛni daa wɔ woadwuma mu sɛ woakoa. Boa me na ɔbonsam annya baabi anngyina wɔ makoma mu. Boa me na mamfa mano fafa ansom wo kɛkɛ, na mmom mesom wo wɔ nyansa ne adwumayɛ mu. NSƐMBISA:
|