Home
Links
Bible Versions
Contact
About us
Impressum
Site Map


WoL AUDIO
WoL CHILDREN


Bible Treasures
Doctrines of Bible
Key Bible Verses


Afrikaans
አማርኛ
عربي
Azərbaycanca
Bahasa Indones.
Basa Jawa
Basa Sunda
Baoulé
বাংলা
Български
Cebuano
Dagbani
Dan
Dioula
Deutsch
Ελληνικά
English
Ewe
Español
فارسی
Français
Gjuha shqipe
հայերեն
한국어
Hausa/هَوُسَا
עברית
हिन्दी
Igbo
ქართული
Kirundi
Kiswahili
Кыргызча
Lingála
മലയാളം
Mëranaw
မြန်မာဘာသာ
नेपाली
日本語
O‘zbek
Peul
Polski
Português
Русский
Srpski/Српски
Soomaaliga
தமிழ்
తెలుగు
ไทย
Tiếng Việt
Türkçe
Twi
Українська
اردو
Uyghur/ئۇيغۇرچه
Wolof
ייִדיש
Yorùbá
中文


ગુજરાતી
Latina
Magyar
Norsk

Home -- Twi -- John - 017 (The first six disciples)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
B - Kristo Yii Na'suafoɔ No Firii Adwene Sakyera Nsusuiɛ Nko Mu De Won Kɔɔ Ayeforohyia Anigyie Tebea Mu (Yohanne 1:19 - 2:12)

3. Asuafoɔ nsia a ɛdikan no (Yohanne 1:35-51)


YOHANNE 1:40-42
40 Andrea, a oyɛ baanu no mu baako tee sɛ Yohane rekasa no wɔdii n'akyi. 41 ɔno na ɔhunuu ɔno ara ne nua Simon kane, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, "Yɛahunu Mesaia" ne nkyerɛaseɛ ne Kristo no. 42 Na ɔde no baa Yesu nkyɛn. Na Yesu hunuu no no, ɔkaa sɛ, "Wone Simon, Yohane ba, wɔbɛfrɛ wo Kefa" a ne nkyerɛaseɛ ne Petro.

Andrea, a ɔyɛ Petro nua, kɔ po so koyi nam a ofiri Beit Saida ɛwɔ asubura kɛseɛ Tiberia ano. Ɔno na ɔbaa Osuboni no nkyen wɔ adwene sakyera mu firi ne bɔne nyinaa ho, sɛ ɔretwene Mesaia no mbaeɛ. Andrea gyee Yohanne adnsedie no toomu, na odii Yesu akyi. Na anigyie hyɛɛ na'koma mu ma; ɛno nti woankata deɛ woahunu no so, na mmom ɔhwehwɛɛ ne nua kane, sene ɔhɔhoɔ. Ɛno nti Andrea, a ɔyɛ onua panin no paemu kaa asɛmpa no kaeɛ sɛ, "Yɛhunu Kristo no a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no a ɔyɛ agyenkwa no, Awurade, Onyanlopɔn Adwammaa no." Petro betumi anya agyingyɛgyeɛ bi wɔ ne mu. Nanso Andrea hyɛɛ no nkuran. Na ɛfei, Petrol dii na'kyi kɔɔ Yesu nkyen.

Na Petro duruu fie hɔ no, Yesu bɔɔ ne din frɛɛ no. Na Yesu hunuu na'koma ahintasɛm, na ɔmaa no ɛdin foforo - "ɔbotan". Na Yesu nim adeɛ biara a ɛfa Petro ho deɛ atwam, ne deɛ ɛwɔ hɔ, ne deɛ ɛreba, Yesu nim akoma biara a ɛmu abue ama no. Ɛno nti Petro hunuuɛ nti ɔbrɛɛ ne ho ase ntɛmso maa Yesu nkasaeɛ nyinaa. Na Yesu nyaa deɛ ɔkɔ po so koyi nam no ho aboterɛ pii na ɔdannee no bɛyɛɛ ɔbotan. Na wɔ Kristo mu no ɔbɛyɛɛ Asɔre no fapem kɛseɛ. Ɛno nti no Andrea nso byɛɛ osuani a ɔhyɛ nkuran bebree.

Osuani foforo nso a odii ɔno ankasa ne nua anim kɔɔ Yesu nkyen ne Yoanne, a ɔde ne nua Yakobo kɔeɛ, nanso ɔkataa saa ɛdin miennu yi nyinaa so wɔ na'sɛmpa no mu, a ɛyɛ ahyɛnsodeɛ a ɛkyerɛ sɛ ontu ne ho. Nokorɛsɛm ne sɛ Andrea ne Yohanne ne asuafoɔ miennu a ɛdikan.

Fɛ a ɛyɛ fɛ wɔ saa oyikyerɛ asɛmfua yi ho no te sɛ awia a ɛhyeren - tɔ biribi so. Na saa agyidifoɔ yi nnyɛ pɛsɛmenkomenya, na mmom wɔdii won ankasa nuanom anim kɔɔ Kristo nkyen. Na ɛyi mu no won annkɔ mmɔtenso ne mbeaeɛ annkɔka asɛmpa no, na mmom no wɔde won ankasa abusuafoɔ sii won aniso dii won anim kɔɔ Kristo nkyen. Na won amfa ansi won aniso sɛ wɔbɛkɔ nyaatwomfoɔ ne amanyɔfoɔ nkyen, na mmom no wɔhwehwɛɛ nnipa a Onyankopɔn ho nsukɔm de won, ne won a won akoma -abubu ne won a wɔrehwehwɛ adwene sakyera nkyen kane.

Na ɛyi tumi boa yɛn ma yɛhunu ɔkwan a wɔfaso de adom nsɛmpa no ma afoforo, na mmom ɛnnyɛ ahokeka a ɛmfa hwee mma, na mmom anigyie a ɛde onipa kɔ Yesu nkyen. Saa asuafoɔ a ɛdikan yi annya akwanya biara wɔ Twerɛ Kronkron mu sukuul adesua biara, anaa sɛ won ankasa atwerɛ twerɛ nwoma bi wɔ won nimdeɛ mu, na mmom wɔde won ano paemu kaa won adansedie a won ankasa de won ani ahunu wɔ won abrabɔ mu. Sɛ won ahunu Yesu na won atena Ne nan ase atie No, ɛso No mu, de won were hyɛɛ ne mu. Saa ayɔnkofa kɛseɛ yi ne won tumi nyinaa fapem. So woahyia Yesu wɔ Asɛmpa no mu anaa? So woadi wo nnamfonom anim wɔ boasetɔ mu akɔ Yesu nkyen?

MPAEBƆ: Awurade Yesu, yɛda wo ase wɔ anigyie a wode ama yɛn wɔ yɛn akoma mu. Wone yɛn nnante wɔ woayɔnkofa dɛdɛ no mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛatumi ɛdi afoforo nso anim aba wo nkyen. Ma yɛn akokoduru na yɛatumi de ɔdɔ aka woasɛmpa no. Na fa yɛn mfomsoɔ ne aniwudeɛ nyinaa kyɛ yɛn, na yɛatumi de akokoduru aka Asɛmpa.

NSƐMBISA:

  1. Kwan bɛn so na asuafoɔ a ɛdikan no faaso bɔɔ Yesu din ho dawuro?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:05 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)