Home
Links
Bible Versions
Contact
About us
Impressum
Site Map


WoL AUDIO
WoL CHILDREN


Bible Treasures
Doctrines of Bible
Key Bible Verses


Afrikaans
አማርኛ
عربي
Azərbaycanca
Bahasa Indones.
Basa Jawa
Basa Sunda
Baoulé
বাংলা
Български
Cebuano
Dagbani
Dan
Dioula
Deutsch
Ελληνικά
English
Ewe
Español
فارسی
Français
Gjuha shqipe
հայերեն
한국어
Hausa/هَوُسَا
עברית
हिन्दी
Igbo
ქართული
Kirundi
Kiswahili
Кыргызча
Lingála
മലയാളം
Mëranaw
မြန်မာဘာသာ
नेपाली
日本語
O‘zbek
Peul
Polski
Português
Русский
Srpski/Српски
Soomaaliga
தமிழ்
తెలుగు
ไทย
Tiếng Việt
Türkçe
Twi
Українська
اردو
Uyghur/ئۇيغۇرچه
Wolof
ייִדיש
Yorùbá
中文


ગુજરાતી
Latina
Magyar
Norsk

Home -- Twi -- John - 016 (The first six disciples)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
B - Kristo Yii Na'suafoɔ No Firii Adwene Sakyera Nsusuiɛ Nko Mu De Won Kɔɔ Ayeforohyia Anigyie Tebea Mu (Yohanne 1:19 - 2:12)

3. Asuafoɔ nsia a ɛdikan no (Yohanne 1:35-51)


YOHANNE 1:35-39
35 Adeɛ kyee bio no, na Yohane ne n'asuafoɔ mu baanu gyina hɔ. 36 Na ɔhunuu Yesu a ɔnenam hɔ no, ɔkaa sɛ, "Hwɛ, Nyankopɔn adwammaa no nie!" 37 Na asuafoɔ baanu no tee sɛ ɔrekasa, na wɔkɔdii Yesu akyi. 38 Na Yesu danee ne ho na ɔhunuu wɔn sɛ wɔdi n'akyire no, ɔbisaa wɔn sɛ, "Morehwehwɛ deɛn?" Na wɔsee no sɛ, "Rabi (ne nkyerɛaseɛ ne Kyerɛkyerɛfoɔ), ɛhe na woteɛ?" 39 ɔsee wɔn sɛ, "Mommra mmɛhwɛ!" Enti wɔkɔe, na wɔkɔhunuu faako a ɔteɛ; na wɔtenaa ne nkyɛn ɛda no; na ɛbɛyɛ sɛ anwummerɛ nnɔnnan.

Kristo yɛ Onyankopɔn asɛm wɔ nipasu mu, a ɔyɛ Nyankopɔn ankasa, ne nkwa ankasa ne kanea. Saa kwan yi so na Ɔsɛmpakani no maa nkyerɛkyerɛmu faa ne ho. Na ɔmaa nkyerɛkyerɛmu nso faa Kristo dwumadie ne Ne ndwuma mu. Na Ɔno ne ɔbɔadeɛ ne adeɛ nyinaa wura. Woama yɛn nyansa a ɛyɛ Onyankopɔn mu foforoyɛ sɛ ɔdomfoɔ Agya. Ɛno nti ɔkaeɛ bio sɛ, "Monhwɛ Onyankopɔn Adwammaa no nie", sɛ yɛbɔ Yesu abodin nyinaa tɔfa sɛdeɛ nyansakasa kyerɛ no a. Wɔ nkyekyɛmu 14 no ɔmaa nkyerɛkyerɛmu faa Kristo nipasu ne na'hoɔden tumi farebae, na ɛfei nkyekyɛmu 29 ne 33 no nso ɔmaa nkyerɛkyerɛmu faa Kristo botaeɛ nti a ɔbaaeɛ wɔ Ne ndwuma mu.

Kristo bɛyɛɛ Onipa na wokuu no bɔɔ afɔreɛ maa Onyankopɔn, na ɔde Ne Ba no maa yɛn sɛ onsoa yɛn bɔne nyinaa na ɔngye yɛn mfiri atɛnbuo mu. Onyankopɔn hwehwɛɛ saa aforebɔ yi, na ɔbɔɔeɛ sɛ ɛde nhyira ne anisɔ bɛba. Wɔ Poulo nsɛm mu no ɔkaeɛ sɛ, "Onyankopɔn wɔ Kristo mu repata ama wiase aka yɛn abata Ɔno ankasa Ne ho, sɛ ɔrennbu won mfomsoɔ nngu won so; na ɔne yɛn anya nkabom wɔ ɔno ankasa ne mu."

Ɛyɛ den ma saa awoɔ ntoatoasoɔ yi mu nipa sɛ wɔbɛgye asɛm a ɛse sɛ "Onyankopɔn Adwammaa" no atomu, ɛfirisɛ yɛnkum mmoa mmɔ afɔreɛ mma yɛn bɔne bio nti. Na won a wɔwɔ nimdeɛ kɛseɛ wɔ Apam Dada no mu aforebɔ nhyehyɛeɛ ahorrow a ɛkɔsoɔ tete nna mu no tumi hunu na wonya nteaseɛ yiye wɔ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ mu, sɛ mogya anngu a bɔne fakyɛ biara nni hɔ koraa. Na deɛ ɛyɛ wawa ne sɛ Onyankopɔn nntwe yɛn aso wɔ yɛn bɔne ho wɔ yɛn ankasa mogya mu, na mmom ɔde Ne Ba no maa yɛn wɔ saa botaeɛ no nti. Ɔkronkronni no wuiɛ maa amumuyɛfoɔ te sɛ yɛn, Wokum Onyankopɔn Ba no maa bɔne ne mfomsoɔ nyinaa, na woama won nyinaa ayɛ atreneefoɔ ama osoro Agya no, Ɛno nti momma yɛnyi no ayɛ na yɛne Ɔba No ne Honhom Kronkron No mbom tontom No ɛfirisɛ Ɔno na woagye yɛn.

Na asuafoɔ miennu no anntumi anya nteaseɛ a ɛmu dɔ yiye wɔ saa asɛm no mu a ɛne, "Onyankopɔn Adwammaa no". Nanso wohunuu kwan a Osuboni no de ahurusi tontom Onyankopɔn Adwammaa no, won nso nyaa ɔpɛpa sɛ wobɛhunu Yesu, a ɔyɛ Awurade no, ne wiase nyinaa atɛnbufoɔ no, na berɛ koro no ara mu no ɔyɛ afɔrebɔ nso de ma wiase nnipa nyinaa. Na saa asɛnka no wuraa asuafoɔ miennu no akoma mu wɔ mberɛ a na wɔretie Osuboni no. Na Yesu ammfrɛ Yohanne asuafoɔ no, na mmom no Osubɔni, no ankasa, na odii won anim kɔɔ Yesu nkyen. Na asuafoɔ no nyaa abotɔyem wɔ saa nkyerɛkyerɛ foforo no mu.

Yesu hunuu sɛ wɔwɔ ɔpɛpa ne akoma pa na onim won botaeɛ nso, Wohunuu Yesu Ne dɔ ne na'dom kɛseɛ, na wɔtee Yesu nsɛm a ɛdikan wɔ Nsɛmpa no mu, "Mohwehwɛ hwan?" Na Awurade nso ammfa Mmra akɛseɛ biara annto won so, na mmom no ɔmaa won akwanya ma wɔ kyerɛɛ won adwene. Ɛno nti deɛbɛn na worehwehwɛ, onua barima? Wobotaeɛ ne sɛn wɔ abrabɔ mu? So wobɛpɛsɛ wobɛhunu Yesu anaa? Wobɛdi Onyankopɔn Adwammaa no akyi anaa? Ɛndeɛ sua nokorɛ kɛseɛ no - sene wo sukuul nsɔhwɛ no.

Na asuafoɔ miennu no srɛɛ Yesu sɛ wɔpɛsɛ wohunu Ne fie. Na nsɛmbisa bebree a na ɛwɔ won akoma mu no yɛ ahiadeɛ ma won nti no, won anka ho asɛm wɔ nkorɔfo kuo no mu. Na Yesu buaa won sɛ, "Mommra mmɛhwɛ." Na woanka sɛ, "Mommra mmɛsua me". na mmom, "Mombue mo aniwa na mobɛhunu me nipasu ankasa, ne me ndwuma, ne me tumi, na monhunu Onyankopɔn nipasu foforo no." Obiara a ɔbɛbene Kristo no onya anisoadehunu foforo wɔ wiase, na otumi hunu Onyankopɔn sɛdeɛ ɔteɛ ankasa. Kristo mu anisoadeɛhunu no ma yɛdi nkunim wɔ yɛn wiase nyansa nyinaa so. Na Yesu na ɔbɛyɛ yɛn adwene nyinaa botaeɛ ne yɛn anidasoɔ wɔ abrabɔ mu. Ɛno nti bra na bɛhwɛ, sɛdeɛ asuafoɔ miennu no yɛeɛ no na yɛne Asomafoɔ no apaemu aka wɔ berɛ a ɛsɛ mu sɛ, "Yɛhunu Na'nnuoyam, sɛ Agya no Ba a ɔwoo no koro no, a adom ne nokorɛ ahyɛ no ma".

Saa asuafoɔ miennu yi tenaa Yesu nkyen da mu' no nyinaa. Ɛyɛ dɛ sɛ yɛbɛtena adom no ase dɔnhwere bebree! Na Ɔsɛmpakani no dii adanseɛ sɛ nna no mu baako a ɔtenaa adom no ase no maa na'brabɔ nyinaa sesaeɛ. Na saa dɔhwere no ne ɛdɔn a ɛtɔso miensa no mu. Na ɛmaa Yohanne Ɔsɛmpakani no hunuu nokorɛ a ɛwɔ Yesu ho nyinaa wɔ Honhom Kronkron nkyerɛkyerɛ ne na'kwankyerɛ mu, Na Awurade hunuu ne gyidie no, ɛno nti ɔmaa no trenee na onyaa nteaseɛ sɛ Yesu ne Agyenkwa a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no. So Kristo kanea no ahyeren wɔ ɛsum a ɛwɔ wo kra mu no anaa? So wodi na'kyi mberɛ nyinaa?

MPAEBƆ: Yɛyi woayɛ tontom wo, Onyankopɔn Adwammaa Kronkron. Wona woayi wiase nyinaa bɔne korɔ, na wode yɛn abata Onyankopɔn ho wɔ nkabom mu. yɛsrɛ wo mmpo yɛn, na mmom boa yɛn ma yɛnni wa'kyi daa. Fa yɛn amumuyɛ nyinaa kyɛ yɛn; na yi wotumi adi kyerɛ yɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛbɛtumi adi woakyi daa wɔ ahofama mu.

NSƐMBISA:

  1. Adɛn nti na asuafoɔ miennu no dii Yesu akyi?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:05 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)