Home
Links
Bible Versions
Contact
About us
Impressum
Site Map


WoL AUDIO
WoL CHILDREN


Bible Treasures
Doctrines of Bible
Key Bible Verses


Afrikaans
አማርኛ
عربي
Azərbaycanca
Bahasa Indones.
Basa Jawa
Basa Sunda
Baoulé
বাংলা
Български
Cebuano
Dagbani
Dan
Dioula
Deutsch
Ελληνικά
English
Ewe
Español
فارسی
Français
Gjuha shqipe
հայերեն
한국어
Hausa/هَوُسَا
עברית
हिन्दी
Igbo
ქართული
Kirundi
Kiswahili
Кыргызча
Lingála
മലയാളം
Mëranaw
မြန်မာဘာသာ
नेपाली
日本語
O‘zbek
Peul
Polski
Português
Русский
Srpski/Српски
Soomaaliga
தமிழ்
తెలుగు
ไทย
Tiếng Việt
Türkçe
Twi
Українська
اردو
Uyghur/ئۇيغۇرچه
Wolof
ייִדיש
Yorùbá
中文


ગુજરાતી
Latina
Magyar
Norsk

Home -- Twi -- John - 001 (Introduction)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no

Nkyerɛmu


kristo frɛɛ na'suafoɔ no ma won bɛyɛɛ na'dansedifoɔ. Na ɛnnyɛ ɔno ankasa na ɔtwerɛɛ ne ho asɛm. Na bio nso ɛnnyɛ ɔno ara na ɔde krataa biara kɔmaa nsɔre nsɔre no. Na mmom na'brabɔ so nsunsuansoɔ bɛhyɛɛ na'kyidifoɔ no akoma mu ma, na Honhom Kronkron no boaa won ma wotumi hyɛɛ won Awurade Yesu Kristo no annuoyam. Na wohunuu wɔ ne dɔ no mu, ne nahobrɛaaseɛ, ne wuo ne Ne'wusɔreɛ no annuoyam mu sɛ Agya no Ba a ɔwoo no koro, a adom ne nokorɛ ayɛ no ma. Na ɔsampakani Mateo, ne Marko, ne Luka kyerɛkyerɛɛ Yesu nsɛm ne ne ndwuma no nyinaa mu, ne Onyankopɔn ahendie mu sɛ ɛno ne botaeɛ nti a ɔbaaeɛ, Na Yohanne nso daa Yesu nipasu ankasa ne Ne'dɔ adi kyerɛɛeɛ. Ɛno nti na Yohanne Asɛmpa no wɔfrɛ no asɛmpa titiri no, na ɛno ne twerɛ ahorrow nyinaa abotirie wɔ Twerɛ Kronkron no mu.

Hwan na ɔtwerɛɛ saa Asɛmpa yi?

Asɔre no agyanom a na ɛwɔ awoɔ ntoantoasoɔ a ɛtɔso miennu no mu no nyaa nteaseɛ sɛ Yohanne, a ɔyɛ Yesu suani no, ne deɛ ɔtwerɛɛ saa nwoma soronko yi. Na ɛfei ɔsɛmpakani Yohanne nso bobɔɔ asomafoɔ bebree nso din, Nanso woambɔ ɔno ankasa ne nuabarima Yakobo din, ɛfirisɛ woabu ne ho sɛ ɔsɛ fata sɛ ɔde ne din frafra na'Awurade ne Agyenkwa no ho wɔ ne nsɛmka mu. Nanso Ɔsofo panin Irenaeus a ofiri Lyon a ɛwɔ France man mu no kaa no pɛfee sɛ Yohanne, a ɔyɛ Awurade suani no, a na ɔtwere ne kokomu wɔ adidieɛ a ɛtwa toɔ no mu no, ne osuani a ɔtwerɛɛ saa asɛmpa nwoma yi, na ɔsɔfo panin no kaa saa asɛm yi wɔ bere a na ɔresom wɔ Anatolian Efeso wɔ ɔhene Trajan bereso afe (98-117 AD).

Ɔsamufoɔ binom dwen sɛ Yohanne, a ɔtwerɛɛ asɛmpa no, ɛnnyɛ ɔno ne osuani a odii Yesu akyi no, na mmom asɔre no mu mpaninfoɔ no mu baako a ɔwɔ Efeso, a na ɔyɛ ɔsomafo Yohanne suani no mu baako, na wɔtwerɛɛ no akyiri yi koraa. Na saa ɔsamufoɔ yi yɛ adaeɛsofoɔ na wonim nokorɛ Honhom no, a ɔno deɛ onntwa atoro no, ɛfirisɛ ɔsomafo Yohanne twerɛɛ na'sɛmpa no wɔ nipa a odikan no mu na ɔkaa sɛ, "Na yɛhuu na'nnuoyam." Na ɛyi kyerɛ sɛ deɛ ɔtwerɛɛ asɛmpa no yɛ ɔdanseni a ɔde na'ni hunuu Yesu abrabɔ, Ne'wuo ne Ne'wusɔreɛ no nyinaa. Na Yohanne nnamfonom na won nso de bi kaa ho wɔ nasɛmpa ɛwieɛ no mu kaa sɛ, "Oyi ne osuani a odii saa nnoɔma yi ho adanseɛ, na ɔtwerɛɛeɛ saa nnoɔma yi nyinaa; na yenim sɛ na'dansedie no yɛ nokorɛ" (Yohanne 21:24). Na wɔkaa ɛsu ne ban a ɛwɔ Yohanne ho a ɛma no yɛɛ soronko wɔ asomafoɔ nkaeɛ no mu, na ɛnesɛ Yesu dɔɔ no yiye, na ɔmaa no tweree ne kokomu wɔ adidieɛ kronkron a ɛtwa toɔ no mu. Na ɛfei ɔno nso nkoaa na otumi bisaa Yesu sɛ ɛyɛ hwan na obɛyi wo ama no, na ɔkaa sɛ, "Awurade, ɛyɛ hwan, (ahwan na obɛyi wo ama no)?" (Yohanne 13:25).

Na Yohanne yɛ abranteɛ bere a Yesu frɛɛ no sɛ ombɛdi na'kyi no. Na ɔno ne akumaa koraa a ɔwɔ asuafoɔ dumiennu no mu. Na nadwuma ne sɛ na ɔkɔ po so koyi nam. Na na'agya din de Zebedee na ne maame nso din de Salome. Na kuro a ofri mu de Bethsaida a ɛda asubura kɛseɛ bi a wɔfrɛ no Tiberias ano. Na ɛfei ɔkɔkaa Petro, ne Andrew, ne ɔno ankasa ne nuabarima Yakobo ho, a na Filipo ne Nathaniel nso ka ho bi, na won nyinaa boomu kɔɔ asuten Yordan mu wɔ Yohanne osuboni no nkyen, a na ɔreka adwen sakyera ho asɛmpa. Na nipa bebree tuu mirika kɔɔ ne nkyen a na Yohanne nso ka ho bi, Zebedee ba no, na ɔsrɛɛ bɔne fakyɛ ne asubɔ wɔ osuboni Yohanne nsam wɔ Asuo Yordan mu. Na ɛfei nso nabusuani ne osɔfo panin Annas na wonim no yiye na ɔwɔ ho kwan nso sɛ otumi kɔ ahenfie hɔ bere biara a ɔpɛ. Ɛno nti na ɔbɛn asɔfo kuo abusua no. Ɛno nti ɔkaa wɔ nasɛmpa no mu deɛ ɔsɛmpakafoɔ nkaeɛ no annyɛ, ne deɛ Osuboni no kaeɛ faa Yesu ho, na ɔkaa sɛ oyi ne Onyankopɔn adwammaa no a oyi wiase bɔne nyinaa korɔ no. Na wɔ saa kwan yi so no, ɔsomafo Yohanne, nam Honhom Kronkron no akwankyerɛ so, bɛyɛɛ osuani a ohunuu na'Awurade Yesu no wɔ ne dɔ kɛseɛ a ɛboroso sene afoforo no mu.

Ayɔnkofa a ɛda Yohanne ne asɛmpakafoɔ afoforo miensa no mu.

Na Yohanne twerɛɛ na'sɛmpa no, na asɛmpa no sɛdeɛ Mateo twerɛɛeɛ no, ne Marko, ne Luka asɛmpa no won atwerɛ saa nwoma no dada a nsɔre no yinaa nim saa asɛmpa no. Na asɛmpakafoɔ miensa no twerɛɛ won nwoma no wɔ Hebrew nwoma fapem mu a asomafoɔ no nyaa frii Mateo nkyen a ɛyɛ Yesu nkyerɛkyerɛ nyinaa mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na won rennyera, ne titiriw no wɔ mbere a na mfeɛ bebree atwamu na Awurade nnyaa mbaaeɛ no. Na ɛfei no Yesu ndwuma ne nabrabɔ mu nnoɔma a ɛsisiieɛ no yɛ deɛ wɔboaboaa ano. Na asɛmpakafoɔ no bɔɔ mmɔden sɛ wɔde saa ntwerɛeɛ yi nyinaa bɛma nkyirimba wɔ nokorɛdie nyinaa mu. Luka a na ɔyɛ oduruyɛni no nyaa ne nwoma no mu fapem wɔ afoforo nkyen ɛfirisɛ ɔne Maria a ɔyɛ Yesu maame no dii ahyia ne afoforo nso a wɔde won ani hunuu deɛ Yesu yɛɛeɛ nyinaa.

Yohanne, nso no, ɔno ankasa ne, ne nwoma a ɔtwerɛɛ no adansedifoɔ fapem ne afoforo nso a yɛn adikan abɔbɔ won din no. Na woampɛ sɛ ɔbɛsan akasa afa nsɛm dada a won ate ho asɛm wɔ asɔre no mu a wonim no ho bio, Na mmom na ɔpɛsɛ ɔde nsɛm binom ka won ho. Na asɛmpa nwoma miensa a ɛdikan no kasa fa Yesu ndwuma a ɔdaa no ɛdi wɔ Galilee no ho, na ɛfei nso ɛkyerɛ Yesu akwantuo a ɔkɔɔ Yerusalem wɔ ne som adwumadie mu, na ɛhɔ na owuiɛ, na asɛmpa nwoma a ɛtɔso annan no kyerɛ yɛn deɛ Yesu yɛɛeɛ wɔ Yerusalem wɔ da a ɛdikan, ne Ne'dwumadie mu nyinaa wɔ Galilee. Yohanne dii adanseɛ kyerɛɛ yɛn sɛ Yesu kɔɔ ne kurom mpresa, na ɛhɔ na kuro no mu mpaninfoɔ no poo no mpren pii. Na wɔnam ɔtan ahorrow bebree mu yii no maaeɛ sɛ wɔmbɔ no asendua mu. Nanso, deɛ ɛhiaa Yohanne titiriw ne sɛ ɔbɛyi Yesu som adwumadie adi akyerɛ wɔ Jewfoɔ no mu wɔ Yerusalem, a ɛyɛ ade titiri wɔ apam dada no amammere mu.

Na ɔsɛmpakafoɔ a ɔtɔsoɔ annan no anntumi annhunu hia a ɛhia sɛ ɔbɛkasa afa Yesu nsenkyerɛnne a ɔyɛɛeɛ no ho, na ɛmu nsia pɛ na otumi kaa ho asɛm. Dɛn na Yohanne pɛ sɛ ɔkyerɛ mu wɔ ɛyi ho? Na ɔpaemu kaa Yesu anom nsɛm no wɔ kwan a deɛ ɔkaa sɛ, "ME NE NO" na wɔ saa kwan yi so no ɔkyerɛkyerɛɛ Yesu nipasu ase. Na asɛmpakafoɔ miensa a ɛdikan no de sii won ani so sɛ wɔbɛka Yesu ndwuma ne na'brabɔ ho nsɛm akyerɛ, nanso Yohanne deɛ ɔde sii na'niso sɛ ɔbɛka Yesu nipasu annuoyam ho asɛm ankasa akyerɛ. Nanso ɛhenefa na Yohanne nyaa saa nsɛm yi nyinaa, a ɛnni afoforo no nwoma no mu, ne deɛ Yesu ankasa kaa faa ne ho? Na ɛyɛ Honhom Kronkron no na ɔyɛɛ no ɔkaekaefoɔ wɔ bere a Honhom Kronkron no baa won so a ɛdikan no. Ɛfirisɛ Yohanne ankasa mpren ahorrow pii na ɔkaeɛ sɛ asuafoɔ no annte Yesu anom nsɛm bebree ase kosii sɛ ɔsɔree firii awufoɔ mu ansa ne Honhom Kronkron no baa won so ansa. Na wɔ saa kwan yi so no, otumi nyaa Yesu anom asɛm no mu nteɛseɛ yiye, ne deɛ Yesu ankasa ka faa ne ho na ɔkaeɛ sɛ "ME NE NO". Na ɛno na ɛma saa asɛmpa nwoma yi daa ɛdi soronko.

Yohanne kaa Yesu anom asɛm ho nsɛm, na mmom ɔkasaae de totoo nnoɔma ho, te sɛ kanea ne ɛsum, honhom ne nipadua, nokorɛ ne atoro, nkwa ne owuo, ne deɛ ɛfiri soro ne deɛ ɛfiri asaase so. Na saa ahintasɛm yi wuntumi nnhunu bi wɔ nwoma afoforo no mu. Nanso Honhom Kronkron no kae Yohanne a na mfeɛ bebree atwamu mpo, wɔ bere a na ɔte Greekfoɔ man mu a na tumidie wɔ hɔ, wɔ nsɛm a Awurade kaeɛ no mu. Na ɔmaa nkyerɛkyerɛmu kyerɛɛ asɛmpakafoɔ no sɛ Yesu annkasa wɔ Hebrewfoɔ kwan so nko, na mmom no ɔde Greek kasa abɛbusɛm nso kasa kyerɛɛ ɔman no.

Yohanne asɛmpa no botaeɛ ne sɛn?

Yohanne mmpɛ sɛ ɔde Yesu bɛsi hɔ sɛ nipasɛm abakɔsɛm bi a wosusu ho wɔ anisoɔ wɔ honhom kwan so, na mmom ɔde sii na'niso pii sene afoforo no sɛ ɔbɛhwehwɛ ne nipasu mu yiye ankasa, ne Ne mmereyɛ ne nsukɔm a ɛdee no bere a na ɔsɛne asɛndua no so no. Na ɛfei nso ɔdaa no ɛdi pɛfee sɛ Yesu ne nnipa nyinaa agyenkwa no na mmom ɛnnyɛ Jewfoɔ no nko, ɛfirisɛ ɔyɛ Onyankopɔn adwammaa a oyi wiase bɔne nyinaa korɔ. Na ɔkyerɛɛ yɛn Onyankopɔn dɔ kɛseɛ a onya maa nnipa nyinaa.

Saa nnoɔma yi a yɛabobɔ soɔ yi ne kwan ne adansedie a ɛwɔ asɛmpa no fapem mu, sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba. Na Ne daa nkwa no yii ne ho ɛdi wɔ Ne honam famu ne Ne Onyameyɛsu no nso daa ɛdi wɔ Ne nipadua mu, ne Ne tumideyɛ nso wɔ Ne mmereyɛ mu. Ɛno nti wɔ Yesu mu no, Onyankopɔn bɛtenaa nnipa mu.

Botaeɛ titiriw nti a Yohanne maa saa nkyerɛkyerɛmu yi no nnyɛ sɛ wobɛhunu Yesu wɔ nipa atetesɛm mu anaa kwan bi a ɛyɛ`hu so, na mmom no sɛ yɛbɛhunu Awurade wɔ Honhom Kronkron no tumi mu wɔ gyidie a ase atim mu. Nanso ɔde na'sɛmpa no baa ɛwieɛ a ne nsɛm no agye din yiye, "Na woatwerɛ saa nsɛm yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mobɛgye adi sɛ Yesu no ne Kristo no, Onyankopɔn Ba no, na sɛ mogye no di a moanya nkwa wɔ Ne din no mu" (Yohanne 20:31). Gyedie a ɛte ase wɔ Yesu Onyameyɛ su mu ne Yohanne asɛmpa no botaeɛ. Na saa gyidie yi yɛ adwuma wɔ yɛn mu Onyankopɔn tumi mu, a ɛyɛ kronkron ne daa nkwa.

Hwan na wɔtwerɛɛ Yohanne asɛmpa no kɔmaa no?

Saa nwoma yi, a nokorɛ asɛnka a ɛfa Kristo ho ahyɛ mu ma yi no, woanntwerɛ sɛ wɔde rekɔkasa akyerɛ nnipa a wonngye ndi, na mmom wɔtwerɛeɛ sɛ ɛbɛpagya asafo no na aboa ayini yiye wɔ Honhom mu. Na Poulo atete nsɔre bebree dada wɔ Anatolia na ɛfei wɔde no kɔtoo ɛfiase wɔ Rome no, Petrol nso tuu kwan kɔɔ nsɔre a woatoto won agyaegyaemu no nkyen kɔhyɛɛ won den. Na Petro ne Poulo wuiɛ no, na ɛfei ɔtaeɛ kɛseɛ baa won so wɔ Nero a ɔwɔ Rome bere so no, Yohanne nso bɛsii Petro ne Poulo anan mu na ɔtenaa Efeso, a na ɛhɔ ne Kristosom tiri wɔ saa bere no mu. Na ɔbɛyɛɛ ɔhwɛfoɔ maa nsɔre bebree a na won abɔ ahyete wɔ Asia aman mu no nyinaa. Na obiara a ɔbɛkenkan ne nwoma no ne ɛtiri miennu ne miensa a ɛyɛ na'diyisɛm nwoma no bɛtumi anya nteaseɛ paa yiye wɔ ateetee ne nnoɔma a saa ɔsomafoɔ yi kɔɔ mu, ɔno na ɔkyerɛkyerɛ yɛn Onyankopɔn dɔ a ɛdaa ɛdi maa yen wɔ Yesu Kristo nipasu mu. Na ɔko tiaa won a wonngye nni na wɔde nipa nyansa ne atetesɛm daadaa no a won ayɛ won ho mpataku abɔ awura ndwan no mu resɛe won adwene no, ne nhyehyɛeɛ bɔne ne fahodie a ɛyɛ fi ɛfirisɛ wɔde nokorɛ bata atoro ho ne adwene a ɛnfra ho.

Yohanne Osuboni asuafoɔ no nso tenaa Anatolia, na wɔde nidie maa deɛ ɔkaa adwene sakyera asɛm no, bebree mpo sene Yesu a ɔyɛ agyenkwa no. Ɛfirisɛ na wɔdaso rehwɛ bɔhyɛ agyenkwa a ɔbɛba no kwan, ɛfirisɛ wɔgyedi sɛ agyenkwa no nnya mmbaaeɛ. Na Yohanne kyerɛkyerɛɛ Yesu nipasu mu, na ɔtotoo won a wɔde nsɛm hunu ko tia Kristo no ano. Na ɔmaa ne nne so dii adanseɛ tiaa honhom a ɛko tia Kristo no na ɔkaeɛ sɛ, "Na yehuu na'nnuoyam, annuoyam a ɛte sɛ Agya no Ba a ɔwoo no koro no a adom ne nokorɛ ayɛ no ma."

Na ɛkame ayɛ sɛ won a wɔgyee saa asɛmpa yi mu dodoɔ no ara yɛ amanaman mufoɔ agyedifoɔ no ɛfirisɛ Yohanne kaa asɛmpa no kyerɛɛ won a ɛyɛ Jewfoɔ no abrabɔ a ɛmu dɔ yiye, a na Jewfoɔ no deɛ won nnhia nkyerɛkyerɛmu biara bio. Ne nyinaa mu no, Yohanne ammfa ne ho annto Yesu anom nsɛm a na won atwerɛ dada wɔ Aramaic kasa mu no so anntwerɛ na'sɛmpa no, sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛmu akɔ Greek kasa mu te sɛ asɛmpakafoɔ afoforo no. Na mmom no, ɔde Greek kasa a asɔre no nim na wɔte aseɛ yiye no na ɔde twerɛɛ na'sɛmpa no wɔ honhom mu, na odii Yesu anom nsɛm ho adanseɛ yiye wɔ Greek kasa mu wɔ fahodie nyinaa mu a Honhom Kronkron no ankasa nso yɛɛ no ɔkwan kyerɛfoɔ. Nanso, na'sɛmpa no kasa wɔ nteaseɛ mu ne adeɛ a ɛmu dɔ mu na ɛkorɔn sene nnoɔma ahorrow biara a wɔde ahoɔden ayɛ mu. Ɛno nti, Honhom Kronkron no daa asɛmpa yi ɛdi kyerɛ yɛn sɛ agyapadeɛ a ɛyɛ nokorɛ wɔ nteaseɛ mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mbabunu nyinaa bɛtumi anya nteaseɛ ne ɛmu nkyerɛmu daa.

Nsɛm titiri bɛn na ɛwɔ saa Asɛmpa yi mu?

Yɛda Awurade Yesu ase sɛ odii agyanom anim firii Egypt mfeɛ bebree a ɛtwa mu a wokohunuu ntoma kumaa bi a ɛdi mfeɛ 100 AD, a na ɛso na Yohanne asɛmpa no woatwerɛ aguso. Wɔ deɛ wohunuu yi mu no, ɛmaa nsɛm tenten a wobooboo ho no baa ɛwieɛ na won nkaanim no yɛɛ kwa, ɛfirisɛ won nhwehwɛ mu no maa no daa ɛdi sɛ Yohanne asɛmpa no daa ɛdi wɔ mfeɛ 100 AD, ɛnnyɛ Asia nkoaa mu na mmom Africa atifi fa mu nso. Ɛno nti agyinye biara nnim sɛ na wonim nso wɔ Rome. Na nokorɛ no hyɛ yɛn gyidi mu dɛn sɛ Ɔsomafo Yohanne ne deɛ ɔtwerɛɛ asɛmpa no, a na Honhom Kronkron ahyɛ no ma.

What is the content of this Gospel?

Ɛyɛ dɛn sɛ onipa bɛtumi adanne asɛmpa a ɛyɛ honhom no nkenyan. Na ɛyɛ den nso sɛ wobɛtumi akyegkyɛ Johanne asɛmpa no mu. nanso, yɛsusu deɛ ɛdidisoɔ yi a ɛwɔ mu:

  1. Onyankopɔn kanea a ɛhyeren no (1:1- 4:54)
  2. Na kanea no hyeren ɛsum mu na ɛsum no anntumi anni no so (5:1 -11:54)
  3. Kanea no hyeren wɔ asomafoɔ no mfimfini (11:55 - 17:26)
  4. Na kanea no dii ɛsum no so (18:1 - 21:25)

Ɔsɛmpakafoɔ Yohanne maa ne nsɛm nyaa ngyinasoɔ, a ɛte sɛ honhom mu nkɔnsɔnkɔnsɔn, a ne nyinaa akyekyere nsɛm tiri baako anaa miennu a ɛyɛ asɛm no botaeɛ. Na nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu nnteteeɛ na mmom ɛbɔbɔmu, nanso ne nkyerɛmu tumi yɛ soronko wɔ foforo mu.

Wɔ hebrew kasa mu adwenpɔ a ɛfa Yohanne ho, ne honhom mu nsunsuansoɔ no, tumi boa ma Greek kasa no yɛ soronko, wɔ annuoyam nkabom mu. Na Honhom Kronkron no boa yɛn ma yɛn nkyerɛkyerɛmu wɔ Asɛmpa no mu nsɛm ho bɛsi nnɛ. Na abɛyɛ yɛn nyansa ne nimdieɛ fapem a ɛnni ɛwieɛ. Ɛno nti obiara a obɛsua saa nwoma yi mu nsɛm no bɛbrɛ ne ho ase ama Onyankopɔn Ba no, na ɔde na'brabɔ nyinaa ahyɛ ne nsa wɔ ahofama ne ayɛyiye mu ne daa ɛnni ɛwieɛ wɔ ɔgyeɛ mu.

NSƐMBISA

  1. Hwan na ɔtwerɛɛ asɛmpa a ɛtɔso anan no?
  2. nkutahodie bɛn na ɛda asɛmpa a ɛtɔso anan no ne asɛmpa miensa a ɛdikan no mu?
  3. Yohanne asɛmpa no botaeɛ paa ne sɛn?
  4. Na hwan na wɔtwerɛɛ saa asɛmpa yi kɔmaa no?
  5. Kwan bɛn so na wobɛtumi akyekyɛ mu, na woahyehyɛ nsɛm titiri a ɛwɔ mu?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 02:25 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)