Home
Links
Bible Versions
Contact
About us
Impressum
Site Map


WoL AUDIO
WoL CHILDREN


Bible Treasures
Doctrines of Bible
Key Bible Verses


Afrikaans
አማርኛ
عربي
Azərbaycanca
Bahasa Indones.
Basa Jawa
Basa Sunda
Baoulé
বাংলা
Български
Cebuano
Dagbani
Dan
Dioula
Deutsch
Ελληνικά
English
Ewe
Español
فارسی
Français
Gjuha shqipe
հայերեն
한국어
Hausa/هَوُسَا
עברית
हिन्दी
Igbo
ქართული
Kirundi
Kiswahili
Кыргызча
Lingála
മലയാളം
Mëranaw
မြန်မာဘာသာ
नेपाली
日本語
O‘zbek
Peul
Polski
Português
Русский
Srpski/Српски
Soomaaliga
தமிழ்
తెలుగు
ไทย
Tiếng Việt
Türkçe
Twi
Українська
اردو
Uyghur/ئۇيغۇرچه
Wolof
ייִדיש
Yorùbá
中文


ગુજરાતી
Latina
Magyar
Norsk

Home -- Twi -- Tracts -- Tract 07 (The LORD comforts you!)
This page in: -- Armenian -- Baoule -- Burmese -- Chinese -- Dagbani? -- Dioula -- English -- French -- German? -- Greek -- Hausa -- Hebrew -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Japanese -- Korean? -- Lingala -- Maranao -- Nepali? -- Peul? -- Somali -- Spanish -- Sundanese -- Telugu -- Thai? -- Turkish -- TWI -- Uzbek -- Yoruba

Previous Tract -- Next Tract?

NWOMA - Asɛmpatrɛw ho nsɛm tiaa, no Nkyekyeɛ

NWOMA 07 -- EWURADE Nkyekye Wower!


Sɛ yɛbɛtu mi ahu ɛnnɛ yɛ wiase yi mu osu ne awerɛhow a ɛresene sɛ nsuo wɔ wiase yi mu a; yɛ ho bɛtwiri yɛn, na yabɔ hu. Nanso wɔ Torah nhoma no mu, ne Kristo Nsɛmpa no nyinaa ma yɛn anidaso ne awerehyɛm kɛse wɔ ɛnnɛ wiase sum kabii yi mu. Onyankopɔn mmoborohunu hyɛɛ Odiyifo Yesaia ma; yi kyerɛɛ no adiyi mu, ma ɔkaa anidaso nsɛm yi s: "Na sɛ ɔbaatan kyekye ne ba werɛ no; saa ara na me nso mɛkyekye mo were" (Yesaia 66:13). Otumfo Nyankopɔn da no dɔ ne ne mmoborohunu adi ma yɛn sɛ; ɔbaatan yɛ ne ba. Na obiara a ɔpɛsɛ ɔte Onyankopɔn awerekyekye ase no; bɛtumi ahwɛ senea ɔbaatan yɛ ne mma; ɛno na obɛtumi ahu Ewurade awerekyekye ma ne mma no yiye.

Ɔbaatan yinsen ne mma; na ɔde awoɔ mu yaw awo won; ne saa nti ɔbaatan biara wɔ atinka ma ne mma sɛ ɔnoaa ne ho. Na ɔhwɛ ne mma abrabɔ nyinaa; nani ku won ho; na ɔhwɛ won anoba ne awia; ɔma won anufuo, sɛ ɔkɔm de won a; na otware won ahorow bebree da koro; ɔde won hyɛ ne yem; ne won di agorɔ; na ɔkyerɛ won kasa nso; mpo wɔ mbre a wonte kasa ase. Na ongyae ne mma nko; da biara ɔtwen wonho; na ɔdɔ won; bɔ mpaɛ nso ma won; ɛfisɛ onim sɛ woyɛ Onyankopɔn agyedeɛ wɔ ne nsam. Nti ɔbaatan wɔ ayamhwehwe kɛse ma ne mma.

Na mbre a ne mma no reyin no; ɔtɔ mpaboa ne ntareɛ ma won. ɔhoro won ntare; na ɔnoa aduane nso ma won. Na ɛffei ɛdu baabi a na ɔde won akɔ sukuul. Na sɛ ne mma firi sukuul ba fie a; ɔkyerɛkyere won na waboa won ayɛ won homework nso. Sɛ ne mma yɛ bɔne bi a; ɔtea won; na wakyerɛkyerɛ won na watenetene won ama won ayin abɛyɛ mpanin pa. Na ɔbaatan bɔ ne mma kɔkɔ wɔ nduro bɔne nom ho; mmaapɛ; ne ahonhomfi ne ndurosɛm a firi ɔtanfo bonsam ho. ɔhwehwɛ nnamfo papa ma won; na ɔno ankasa nso yɛ nhwɛsopa nso ma ne mma.

Na mma nim sɛ; sɛ mpo woyɛ bɔne a; wobɛtumi aba fie . Na woka won mfomso kyerɛ won maame; na ɔde kyɛ won de sie nakoma mu; na waya won kasa kyer. Na ɛnapa no; frɛ ne mma kyerɛkyerɛ won Onyankopɔn mu kyidie na ɔka Onyankopɔn kɛseyɛ ho asɛm kyerɛ won. obaatan yɛ adwumaden da biara ma ne mma; na onyɛ ne ho sɛ wabre mpo.


Onyankopɔn Awerekyekye a ɛte saa

Maame dɔ kɛse; na ayemhyehye; nahofama aforebɔ ne ne boasetɔ a ɔda no adi ma ne mma no nso; ɛma yɛtumi hu Onyankopɔn dɔ kɛse ne nawerekyekye a ɔwɔ ma yɛn. Onyankopɔn dɔ kɛse no wohɔ ma obiara a ɔba ne nkyen. Ɔma yɛn awerehyɛm: "Me ara mene; mo werekyekyefoɔ." (Yesaia 51:12) osoro ne asaase yɛfo no ka kyeɛɛ nadiyifo ne ne man nyinaa sɛ; mpo wɔ won nkoayɛ mu no; ɔbɛyɛ won mboa na wakyekye won were. Sɛ wo sahyera won atwene na wosan ba ne nkyen de won akwan nyinaa hyɛ ne nsa a; Oyankopɔn bɛboa won akyekye won were. Nti ɔdɔfo, sɛ wowɔ ɔhaw ne amane bi wɔ wabrabɔ mu a; bɔ woho mmɔden na fa ne nyinaa to Ewurade so; na wubɛhu Ewurade ndwuma akesɛ a ɔbɛyɛ amo wo wɔ wabrabɔ mu sɛ wogye no di a.

Osoro ne asaase yɛfo no bɔɔ yɛn; na omaa yɛn nkwa; ahoɔden; atwen ne nyansa; nipadua ne ɔkra. Yɛnyɛ aboɔ a ɛwu; anaa ndua; na mmom ɔbɔɔ yɛn nnipa teasefo a mmogya di yɛn mu aforosane wɔ akomamu; na ɔmaa yɛn atwen ne nyansa nso. Na otumfoɔ no nim yakyedeɛ ne yɛmmereyɛ nyinaa. Onim trenee kwan; na ɔpɛ sɛ daa nyinaa yɛfa ɔkwanpa no a woasiesie ama yɛn no so (Efesofo 2:10). ɔwɔ nhyehyeɛ pa ma wo. Na ɔhwe wo so sene wawofo; na ɔpɛ wo yiye wɔ wabrabɔ mu.

Na ongyae wo nko wɔ mbre a wosuro mu da; ne mbre a wapa abaw na wonhu nea wonyɛ mu; na oso wo nsa kyekyerɛ wo mpaeɛbɔ: "Ma yɛn daa aduane nn" ( Mateo 6:11). ɛMma wo weremfi sɛ ɔno na obue sukuul kwan maa wo. Na onim wohokafo a woasiesie no ama wo. Na daa ɔhwɛ wo so firii ɔbonsam nhyehyeɛ ne nafiri sum nyinaa mu. Ɔdɔfo bɔ mmɔden yɛ onyansafo na fa wakwan ne wabrabɔ nyinaa hyɛ osoro agya no nsa; na ɔbɛkyerɛ wo kwanpa a wobɛfa so yiye.

Wiase porɔ a aporɔ nti; Onyankopɔn bɛbu wiase atɛn. Na ɛno nti ɔkrɔnkrɔn ni no ankyerɛ yɛn kwan ankɔ ɔseɛmu. Na mmom ɔsomaa Yesu; Mary ba no bɛgyinaa mfinfini; twee yɛn bataa Onyankopɔn ho. Saa nti daa ɔto nsa frɛ obiara sɛ ɔnsahyera natwen se, ɔmbra ne nkyen. Na ɔngye Kristo mogya a ɛyi wiase bɔne nyinaa kɔ no ndi.

"Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni; sɛ ɔde ne a ɔwoo no koro no maeɛ na obiara a ɔgye no di no anyera na wanya daa nkwa." (Yohanne 3:15-16)

Sɛnea ɛnna tware ne mma mpen ohorow bebree da koro no; saa ara nso na ɔkrɔnkrɔnni Onyankopɔn pɛ sɛ ɔhohoro wo ho; na ɔtew wo ho; na ɔyɛ wo foforo. Odomfoɔ ne oyemyiyefoɔ no ɛyɛ krado pɛ sɛ ɔboa wo; wɔ mbre a wabre mu no; woayɛ krado sɛ ɔde wo mfomso ne wo bɔne nyinaa bɛkye wo; sɛ wopaemu ka ne nyinaa kyerɛ no a. Ɔdɔ wo; na ɔpɛ sɛ ɔne wo kasa; na ɔretwɛn sɛ wobɛba ne kyen. ɔdɔfo da bɛn na wobɛda no ase, wo ne dɔ kɛse yi ho. Fa wo neoma a ahinta nyinaa hyɛ ne nsa; na sua sɛ wobɛnante wo ne pɛ mu. Na ɔreto ne nsa frɛ wo; wɔ ne nsa a watene mu.

Onyankopɔn atwen, ne ne nhyehyeɛ mu do yiye ma wo. Na ode abagyeɛ tumi agye wo abɛyɛ ne ba wo pɛ mu. Na wasoma ne honhom krɔkrɔn abɛtena wo mu; sɛ ɔmma wonyɛ ɔba barima ne ɔba baa mma no. ɔdɔ a Onyankopɔn dɔ yɛn no; so_ kɛse sene sɛnea yɛsusu na yɛtwen no. Na daa ɔpɛ sɛ ne nkwa a ɛnni ɛwieɛ no bɛtene yɛpadua mu. ɔdɔfo; bra ne kyen; hwehwɛ no; na wobɛhu no; sɛnea ne bɔhyɛ no te no: "Na mobɛhwehwɛ me; ahu me; ɛfiri sɛ mode mokoma nyinaa bɛhwehwɛ mkyiri kwan" ( Yeremia 29:13).


Kristo awerɛkyekye

"Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahow; na wɔn na wɔbɛkyekyere wɔn wer"ɛ (Mateo 5:4). Kristo sanee baa yɛn awerɛhow ne ɔbre wiase yi mu; wo ne dɔ kɛseɛ a ayemhyehye ayɛ no ma mu. Na ne yem hyehyee no ma wɔn a woabre na woabɔ ahyete te sɛ ntwuan a woni hwefo mu. (Mateo 9:36). Na ɔfrɛɛ nasuafo no sɛ wondi nakyi a ɛnyɛ ɔhyeso. Na ɔyɛɛ nhwesodeɛ maa wɔn; kyerɛɛ won kwan daa. Na mbre a Yohanne ne ne nua; pɛɛ sɛ wɔfrɛ ogya firi soro bɛhye wɔn a angye no no; ɔkaa wɔn anim. Na ɔkaa s: "Monnim honhom ko a moyɛ ne dea no" (Luka 9:55).

Petro asuafo no kasamafo no; paa ne wura; nanso na Yesu ɔbɔ no kɔkɔ kane sɛ ɔbɛpa no mprensa; Petro sui bebree. Nanso Yesu; Mary ba no sɔree firi awufoɔ mu no ɔhwhwɛɛ no bio; ɔde ne mfomso kyee no na ɔkyekyee newerɛ; maa akwanya bio sɛ ɔnyɛ ne Ewurade adwuma.

Na Juda de mfeano reyi ne wura ama natanfo no; woandome no; na woaka nanim; na mmom obisaa no s: "Damfo wobaa ha bɛyɛɛ dɛn? wode mfeano na ɛreyi onipa ba no ama?" (Luka 22:48; Mateo 26:50).

Yessu yɛ Onyankopɔn dɔ suban; ɔyɛ mmobrohunufo te sɛ nagya a ɔwo soro no yɛ mmobrohunufo no (Luka 6:36). Na yaresa nsankyerɛnne no nyinaa yɛ nea ɛkyerɛ ne dɔ ne ayemhyehye a ɔwɔ ma ahiafo ne ayarefo. Mbre a ohuu ɔbaa kunafo bi a ɔrekosie ne ba baakopɛ a woawu no; Kristo gyinae; na ɔkɔɔ owufoɔ no nkyen yanee no firi awufoɔ mu baa nkwa mu; na ɔde no maa ɔbaa kununafo bio.

Na akwatafo du bi a wonni ho kwan sɛ wɔben nnipa no tee sɛ Yesu retwɛm; na wommaa wɔn nne so wɔ akyirikiri srɛɛ Yesu hɔ ayaresa; na Yesu ampammo wɔn; na ɔnam nasɛm so tumi mu saa wɔn kwata no yare. Na da bi; ohyea ɔbarima bi a ahonhomfi ahyɛ no ma; ahonhom fi no de nne kɛse tieɛmu wɔ ahopopo mu; Yesu antwane; na mmom ɔnam nɛnum asɛm tumi no so tutuu ahonhomfi firii ɔbarima no mu.

Yesu teatea ɛpo asorɔkye mano yɛɛ dinn; wo mbre a nasuafo suroo sɛ woreyera wo ɛpo no so no. Na ɔde aboodoo ɛnum ne mpataa mienu maa nnipa mpem num ma wodii wo mbre a wotie nasɛm na ɔkɔm dee wonno. Na wɔde obubuani bi a wode no faa ɔdan atifi bɛtoo nanim bɔne nyinaa kyɛɛ no. Na ohyira mmofra; na ɔhyɛɛ Lazero ne nua baa nso nkuran see no s: "Sɛ wogyedi a wobɛhu Onyankopɔn annuoyam" (Yohanne 11:40).

Yesu dɔ nnipa nyinaa; mpo natanfo nso ɔdɔ won nyinaa. Onim sɛ nnipa nyinaa yɛ adebɔneyɛfo na wontumi nso ngye wɔn ho nkwa. ɛno nti ɔfaa wiase nyinaa bɔne soaɛ; na ɔde ne mmogya guu hɔ bɔɔ asɔreɛ ma wiase bɔne. Senea woyii kyerɛɛ Odiyifo Yesaia no: "Ampa, yɛn nyarewa no, ɔno nawafa, na yɛn ayayadeɛ nso, wasoa; na yɛn deɛ, yɛbuu no sɛ deɛ wɔahwe no, deɛ Onyankopɔn aka no de no ahyɛ amaneɛ mu. Na ɔno deɛ, yɛn mmarato nti nawɔpiraa no, yɛn amumuyɛ nti na wɔdwerɛɛ no; yɛn asomdwoeɛ ho asotwe daa ne so,na ne mmaa ntampeɛ na wɔde asa yɛn yadeɛ. Yɛn nyinaa wowɔɔ ntwɛtwɛdɛ sɛ nnwan, yɛdanedanee fefaa yɛn akwan so, na AWURADE maa yɛn nyinaa amumuyɛ kɔhwee ne so." (Yesaia 53:4-6)

Yesu Mary ba no; wie wiase nkwagyeɛ ho adwuma no; na ɔde trenee a ase tim na ɛsɔ Onyankopɔn ani sii hɔ pintinn. Na wama yɛawie ɛmudie na yɛasɛ afata wo ne mmogya a ohwie gui wɔ ne wuo mu no sɛ yɛnya awerekyeke honhom mfiri Onyankopɔn hɔ.


Honhom krɔnkrɔn bɛtenaa Kristo akyidifoɔ mu

Obiara a obue nakoma mu ma Onyankopɔn dɔ; ne Kristo ayaresa mmoborohunu; na ogye ne wuo ne newusɔre tumi di no nya awerɛkyekye honhom a ɛfiri soro. ɔno ara ne nakware honhom no. Sɛnea Yesu hyɛɛ nasuafo no bɔ ansa na owui: "Na me deɛ, mɛbisa Agya noNa me de, na wama mo Okyigyinafoɔ foforɔ, na ɔne mo abɛtena daa, nokorɛ Honhom a wiase ntumi nnye no no, ɛfiri sɛ ɛnhu no, nanso ɛnnim no; na mo deɛ, monim no, ɛfiri sɛ ɔte mo nkyɛn, na ɔbɛtena mo mu." (Yohanne 14:16-26, 15:26-27; 16:7-14) Na awerekyekye honhom a ɛyɛ Agya no bɔhyɛ kɛseɛ no. ɛno na ɔnam Kristo Yesu so ahwie agu obiara a obisa no; no so (Luka 11:13).

Na honhom no yi Onyankopɔn nokware adi kyerɛ yɛn; yɛ honhom Agya no; nea efa yankasaho; ne nea afa yɛdaakye ho. Obue yɛniwa ne yakoma mu ma yɛhu nokware no. Na ɔma yɛnya gyidie a ase tim wɔ yɛn mu ne daa nkwa mu anidasoɔ. honhom no ara ne yɛkasamafo wɔ atemmu da mu; na ɔno na ɔkyekye yɛnwere sɛ mpo yɛn atwen bu yɛn fɔ a. Nokware honhom no kyerɛ yɛn kwan wɔ adeɛ nyinaa mu; mbre biara; ne dɔn mu; sema mu daa nyinaa wɔ yabrabɔ mu. Senea Osomafo Paulo kaaɛ no: "Na doodoo a Onyankopɔn honhom ka wɔn no; won na woyɛ Onyankopɔn mma." (Romanfo 8:14).

Awerekyekyefoɔ honhom no boa yɛn; mpo wɔ mbre a yɛadi nsɛmhunu mu; ne datwen mu; na yɛapa abaw no. Na ɔma yɛn nkuranhy; asomdwee ne banbɔ firii nea ɛyɛhu da yɛnim mu; na ɔgye yɛn firi owuo ahoma mu. Honhom yi boa yɛn; hyɛ yɛn den; ɔma yɛn nyansa ne odwoɔ wɔ abrabɔ mu; ma yɛtumi di bɔne so; na yɛtumi atan bɔne nso. Onyankopɔn honhon no yɛ krɔkrɔn; na ɔpɛ sɛ ɔtew yɛn ho daa; na ɔkyerɛ yɛn kwan ma yɛtumi paemu ka yɛ bɔne kyerɛ Onyankopɔn. Na ɔde yɛn kɔ nokware mu; ahoteɛ mu; ne Kristo anyankofa mu.

Na awerekyekye honhom a efi soro yi nhyɛ ne ho annuoyam; na mmom ɔhyɛ Yesu; Mary ba no annuoyam; yɛgyefo no a ɔboa yɛn ma yɛnya nteaseɛ wɔ ne dɔ mu no. Onyankopɔn honhom no yɛ daa nkwa wɔ ne mu; ne ne tumi a ɛto ntwa da no mu. ɛkyekye yɛwere; ɛma yɛdi owuo so nkunim wɔ ne nkwa no mu; na ɛte yɛn mu daa a ɛnni ɛwie.

Honhom Krɔnkɔn werɛkyekyefo no abɛtena Kristo akyidifoɔ mu; ɛsane Kristo Yesu wuo ne newusɔre mu gyidie nti. Na honhom no boa kristofoɔ ma wotumi bɔ ɔbrapa a Onyankopɔn ho dɔ; papayɛ ne ahunmmoboro ahyɛ no ma. honhom no boa akristofo ma wotumi ka Onyankopɔn asɛmpa no nso; ne ahiafo hyɛ. ɔde ayeyi nwon ne aseda ahyɛ yɛn ma. Na nawerɛ kyekye a ɛdɔɔso ma yɛn nti; otumi ma yɛn nso yɛ awerɛkyeke ma afoforo nso bi. Sɛnea ɔsomafo Paulo kae wɔ ne mpaebɔ mu s: "Ayeyie nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne n'Agya a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya ne awerɛkyekyerɛ nyinaa Nyankopɔn a ɔkyekyere yɛnwerɛ yɛn ahohia nyinaa mu, na yɛatumi afa awerɛkyekyerɛ a Onyankopɔn de kyekyere yɛn werɛ no so akyekyere wɔn a wɔwɔ ahohia biara mu wer." (2 Korintofo 1:3-4) Onyankopɔn honhom no nnsesa ɔhaw ne amaneɛ a ɛwɔ yɛn daa daa abrabɔ mu no ntɛm so; na mmom odikan de nsakraeɛ ba yɛn ndeyeɔɛ ne yɛsuban a ɛmfata no; na wama yɛnya ogyeɛ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ansa. Na wama yɛ kra apre ahwehwɛ yɛgyefo Kristo a ɔdɔɔ yɛn kane no. ɔno na ɔnam asɛmpa no so ahwie nadom tumi no agu yɛn so. Na nea osua na ɔkenkan Kristo anom nsɛm no; na odi so no bɛyɛ nhyira atena nhira mu.

Wanya Onyankopɔn awerɛkyekye no bi anaa? Sɛ wopɛ sɛ wohu na wote awerɛkyekye honhom yi nnka wɔ wabrabɔ mu a; yayɛ krado sɛ; yɛbɛbrewo Kristo asɛmpa nhoma yi bi ne adesua ne mpaebɔ; na wanya asomdwoe wɔ Onyankopɔn mu; wɔ wiase sum kabii yi mu.

Kyekye ahiafo a atwa wo ho ahia no wer: Ɔdɔfo; sɛ nhoma yi mu nsɛm ama wo anidasoɔ foforo a; bɔ mmɔden yi no adi kyerɛ afoforo a wohia Onyankopɔn mu asomdwee. Na won nso atumi anya awerɛkyekye wɔ won amanneɛ ne ɔhaw mbre mu. Bɔ mmɔden ma yɛnte wonka; ne nehoma doodoo a wobɛtumi akyekyɛ ama afoforo; na yɛmfa mbrɛ wo.

WATERS OF LIFE (NKWA NSUO)
P.O. BOX 60 05 13
70305 STUTTGART
GERMANY

Internet: www.waters-of-life.net
Internet: www.waters-of-life.org
e-mail: info@waters-of-life.net

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on March 31, 2020, at 09:20 PM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)