Home
Links
Bible Versions
Contact
About us
Impressum
Site Map


WoL AUDIO
WoL CHILDREN


Bible Treasures
Doctrines of Bible
Key Bible Verses


Afrikaans
አማርኛ
عربي
Azərbaycanca
Bahasa Indones.
Basa Jawa
Basa Sunda
Baoulé
বাংলা
Български
Cebuano
Dagbani
Dan
Dioula
Deutsch
Ελληνικά
English
Ewe
Español
فارسی
Français
Gjuha shqipe
հայերեն
한국어
Hausa/هَوُسَا
עברית
हिन्दी
Igbo
ქართული
Kirundi
Kiswahili
Кыргызча
Lingála
മലയാളം
Mëranaw
မြန်မာဘာသာ
नेपाली
日本語
O‘zbek
Peul
Polski
Português
Русский
Srpski/Српски
Soomaaliga
தமிழ்
తెలుగు
ไทย
Tiếng Việt
Türkçe
Twi
Українська
اردو
Uyghur/ئۇيغۇرچه
Wolof
ייִדיש
Yorùbá
中文


ગુજરાતી
Latina
Magyar
Norsk

Home -- Twi -- Tracts -- Tract 05 (Prepare The Way of the LORD!)
This page in: -- Armenian -- Baoule -- Burmese -- Chinese -- Dagbani? -- Dioula -- English -- French -- German? -- Greek -- Hausa -- Hebrew -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Japanese -- Korean -- Lingala -- Maranao -- Nepali? -- Peul? -- Somali -- Spanish -- Sundanese -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Uzbek -- Yoruba

Previous Tract -- Next Tract

NWOMA - Asɛmpatrɛw ho nsɛm tiaa, no Nkyekyeɛ

NWOMA 05 -- Munsiesie EWURADE Akwantepɔn so! (Yesaia 40:3)


Nnipa dodoo no ara na wo bo bra a anisoadehunu biara ne mu; anigye ne nea onipa bɛdi na daa wɔtwene ho. Onipa nntwen sɛ owuo bi da nanim retwɛn no. Nnipa kakraabi na wɔtwen Onyankopɔn ho; na wosuro no; na wodi nahyɛde so; ne nakwankerɛ mu nante wo nokware mu.

Nanso osoro ne asaase yɛfo no weremfii na bɔdeɛ da. ɔdɔ na bɔdeɛ; na ɔtwen na bɔdeɛ ho; ɔne wɔn kasa daa; na ɔpɛɛpɛɛ won akomamu hwehwɛ mu. na ɔpɛ sɛ daa ɔde ne tumi kɛse no bɛma nabɔdeɛ; sɛ wo sahyera won atwen; danne ba ne nkyen a.


EWURADE na ohwehwɛ obiara

Adam ne Eve yɛɛ asoɔden wɔ bɔne tia Onyankopɔn; ɛno nti wotwanee kohintaee firi Onyankopɔn anim; wɔ mbre a wohuu sɛ wɔn ayɛ bɔne no. Nanso won bɔne nyinaa akyi no; Onyankopɔn ansɛe won; na mmon Onyankopɔn bɛhwehwɛɛ wɔn kaa s: "Adam wowɔ hee?" (Genesis 3:9) osoro ne asaase yɛfo no rehwehwɛ obiara; na obisa obiara sɛ wo wɔ hee?; ɔdɔfo ɛhefa na wadu wɔ abrabɔ yi mu?

Onyankopɔn frɛɛ Abraham wɔ Mesopotamia frii abosomsom ne amumuyɛ kurom. Na ɔka ɔkyerɛɛ no sɛ onfiri hɔ nkɔ asaase a ɔbɛkyerɛ no so; na ɛhɔ na ɔbɛkyerɛ no trenee kwan na waya fie a ɛtin hɔ daa. ɔdɔfo a worekenkan nhoma yi; so won so worehwehwɛ trenee kwan no anaa; na waya fie a ɛwɔ hɔ daa daa no ama wo ho?

Jacob twanee firii nasaase so kɔɔ akyirikyiri asase bi so kɔbɔɔ ne bra; na ɔwaree wo hɔ. Na mfe bebree twaa mu no ɔsan baa nasaase so. Onyankopɔn bɔfo ne no dii mpu ne mpu pɛɛ sɛ anka ɔtwe nasɔ wo ne bɔne bi ho nti. Nanso Jacob srɛɛ Onyankopɔn mmoborohunu. Na ɔne ɔkrɔkrɔn ni no dii apre apre kae s: "Meremma wonkɔ gye sɛ wohyira me!" (Genesis 32:26) Ɔdɔfo so wo nso woreprɛ hwehwɛ Ewurade nkwagyeɛ?.

Moses twanee firii Egypt kɔɔ asaase foforo bi so; ɛsanesɛ na wakum Egypt ni barima bi a ɔne hebrewni bi redi ako. Na mfehyia aduanan akyino Ewurade yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ ogya a ɛredɛw mu wɔ nwiram nanso nwira no nnhyew. Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ "me ne nea me ne", nea ɔnnsesada no; nea ne nokwaredi wɔ hɔ daa no. ɔdɔfo so Ewurade ahu wo wɔ wabrabɔ sare so anaa? Na wo te ne nne wokoma mu daa anaa? Na ne nokware die no nso ada ɛdi ma wahu wɔ wabrabɔ mu?

Samuel yɛ abofra na EWURADE frɛɛ no; de no sii ne man so sɛ Odiyifo ne ɔtammufo. Onyankopɔn mfa mpaninfoɔ nnkoa sɛ ne ɛdiyifoɔ; na mmom otumi fa mmofra nso sɛ ne nkowa ɛdiyifoɔ. ɛno nti na ɛsɛ sɛ yɛkyerekyerɛ mmofra Onyankopɔn asɛm na woatumi bann Oyankopɔn. EWURADE; pɛ sɛ ɔfa ne nkowa so; te sɛ wo a worekan nhoma yi; twe mmabun ne mmofra bebree ba ne ntwen.

David bɔɔ aguamman; sɛe awarɛ; na ɔtoaa so kum ɔbaa no kunu. na Ewurade ammfa neho ankye ne. na ɔsomaa Odiyifo ma ɔkɔkaa ne bɔne ne Onyankopɔn abufuw a ɛbɛba no so kyerɛɛ no. na otee saa no; ɔsahyeraa natwen firii nakoma mu srɛɛ bɔne fakye fii Onyankopɔn nkyen. na ɔhyɛɛ ase kyerɛkyerɛɛ nnebɔneyɛfo Onyankopɔn akwan. kenkan Nwom 51 na twen ho wɔ mpaebɔ mu gyidie mu; na wobɛya adom ne bɔne fakye sɛnea David nyaaɛ no.

Yesaia Odiyifoɔ no hunuu Onyankopɔn annuoyam kesɛ no;ɛnna mekaa s: "Mennue, na mayera; na meyɛ onipa a m'ano ho nteɛ, na mete ɔman a wɔn ano ho nteɛ mu, ɛfiri sɛ ɔhene, asafo AWURADE, na m'ani ahu no yi!" (Yesaia 6:5)

Ɔteimu ɛfi sɛ Ewurade hann no yii ne bɔne ne mmrato ɛne ɔman no nyinaa bɔne ne won mmrato kyerɛɛ no; wɔ Ewurade anim. ɔdɔfo wopɛ sɛ woben Ewurade; na wohu nannuoyam? na watumi ate aseɛ sɛ; ɛyɛ wobɔne na ɛtete wo ne ɔkrɔnkrɔni Nyankopɔn ntam. ɔdɔfo wunim ɛyɛ bɔne na ɛtete yɛn ne yɛbɔfo krɔnkrɔnni no ntam; a nti yentumi mben no. ɛsɛ sɛ bɔne biara firii wo ho. "yɛgyina Kristo ananmu srɛ mo sɛ: Momma wɔmpata ntwe mo mfam Nyankopɔn ho" (2 Korintofo 5:20)


Munsiesie Ewurade akwantepɔn!

Obiara a ɔpɛ sɛ na brabɔ se fata na ɛsɔ Onyankopɔn ani no; ɛsɛ sɛ ɔbɔ neho mmɔden na odi Onyankopɔn mmra nsɛm so. Na obiara a ɔyɛ asoɔden na ɔyɛ bɔne tia Ewurade ahyɛdeɛ no; ɛsɛ sɛ ɔbre neho ase srɛ mmoborohunu ne bɔne fakye firii Ewurade nkyen sɛnea nebɔhyɛ te no: "Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ no a; ɔyɛ nokwafoɔ ne teneneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na wate yɛn ho afiri deɛ ɛntene nyinaa ho" (1 Yohanne 1:9).

Na obiara a otwa atoro no; ma ɔnkɔ Ewurade anim na ɔnka ne bɔne nsrɛ bɔnefakye mfiri Ewurade hɔ. Sɛ wohu obi adeɛ a ɛnnyɛ wodeɛ a; fakoma owura; obiara a ogu ne nua hofi no anaa ɔyɛ bɔne tia ne nua no; ma ɔnsrɛ bɔnefakye wɔ Ewurade hɔ; na ɔnsahyera natwen nso. Obia a ɔhyɛ ne nua so; anaa nawofo so; anaa ne mma; anaa ne hokafo so no; ma ɔnsahyera na ɔsrɛ bɔne fakye mfiri wɔn kyen. Na ma no mfi akomapa mu mboa won.

Yohanne Osuboni; yɛɛ adwumaden de hyɛɛ Odiyifo Yesaia nkɔmhyɛ no ma. ɔyɛɛ nea Ewurade yi kyerɛɛ no anisoadehu mu nyinaa. "Obi nne team s: Mommɔ Awurade kwan, wɔ ɛserɛ so, montene anwea paradada so tempɔn mma yɛn Nyankopɔn. Mommema mmonhwa nyinaa so, na mommrɛ mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa ase. Na deɛ ɛyɛ afuafu nyɛ asaseta, na mmonkyimmɔnka nyɛ tonomtonom. Na Awurade animuonyam bɛyi ne ho adi, na honam nyinaa abom ahunu, ɛfiri sɛ Awurade ano na aka" (Yesaia 40:3-5; Luka 3:4-6).

Yohanne Osubɔni paemu kaa Ewurade asɛm; na ɔkaa sɛ obiara nni hɔ a ɔyɛ ɔtrenee ni; na yɛn nyinaa ayɛ bɔne agu yɛn ho fi; Na afɔ buo da yɛn so. na ɛsɛ sɛ yɛtware na yɛtew yɛn ho; na yɛbre yɛho ase wo Ewurade anim. Na nea ohu amanneɛ; ne nea newere ahow; na adesoa da no so no; nhyɛ nehoden. Na nea ɔyɛ bɔne biara; nsisi ne akontonkye kwan no nso nsahyera natwen. Monnante tee; na nea ɔyɛɛ ne nua bi bɔne no; ma ɔmfa papayɛ nnhyɛ no anan mu.

Kyerew nsɛm a adi so yi kyerɛ Onyankopɔn mmra nsɛm ase. "Na fa w'akoma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w'ahoɔden nyinaa dɔ AWURADE wo Nyankopɔn" (Deuteronomium 6:5). "Ne s; na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho: Mene AWURADE" (Leviticus 19:18). Sɛ wo pɛ sɛ wodɔ Oyanyankopɔn a; di ne mmra nsɛm so, bisa EWURADE na ɔnkyerɛ wo ne kwan pa a wobɛfa so; na watumi aben Onyankopɔn


EWURADE ɛsiesie ne kwan ama wo

Yesu kristo; Mary ba no awoɔ yɛ wawasoɔ kɛse; Onyankopɔn honhom bɛyɛɛ ohonam daa neho adi wɔ onipa tebeam mu. Na ɔbaa bɔne wiase ha ne nnebɔneyɛfo betraɛ. Na oyii ne dɔ kɛse adi kyerɛɛ nnipa; ɔsaa yareɛ; na otutuu ahonhom fi firii nnipa a ahonhom fi hyɛ wɔ so no. Nanso ne manfo dodoɔ no ara anhu nennuoyam dɔ kesɛ yi; nti bebree no antwe no antum.

Ewurade mmobrohunu kɛse nti; obue nakoma ne ne nsam ma obiara a ɔba ne kyen. Na ɔde ne kra too hɔ yii wiase nyinaa bɔne kɔe wo ɔno ankasa magya mu; de atew yɛn ho afiri bɔne nyinaa mu. Na wabu yɛn bem kwa. ɛsɛ sɛ yɛda Ewurade ase na yɛfi akoma mu dɔ no mmoroso; ɛfisɛ wabue ɔsoro kɔ pono ama yɛn.

Kristo Yesu mbaɛ a ɛto so abien no ayɛ ahintasɛm a ɛkyerɛ ɛnnɛ wiase yi mu nneoma; ne nea ɛko so. Onyankopɔn baa wiase yi mu; sɛ ɔbɛgye wiase abata ne ho. Na obiara a ɔsanne fi nakwan bɔne so; na ɔsahyera natwen no; Onyankopɔn de ne bɔne nyinaa bekyeno. Na obiara a ɔwɔ saa ahintasɛm yi mu nteaseɛ no; yɛ onyansafo. Na nea ɔde nteaseɛ yi; yɛ adwuma biara no nya Onyankopɔn anim anisɔ.


Onyankopɔn ba ankorɛankorɛ biara nkyen

Kristo sɔree firii owufoɔ mu dii owuo ne asamman so nkunim; na ɔforo kɔɔ soro; na ɔte Agya Krɔnkrɔn no nkyen. Na neni wɔ nakyifo a wodɔ no nyinaa so. Onim wɔn mmrewyɛ ɛne won anidaso nyinaa; ɛno nti na ɔsomaa ne honhom krɔnkrɔn sɛ ammeboa won. Na ɔrebɛkɔ soro no; ɔkaa s: "Na meka mo nokorɛ; ɛyɛ ma mo sɛ mekorɔ. Na sɛ mankɔ a, Okyigyinafoɔ no remma mo nkyɛn, na sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn" (Yohanne 16:7). Onyankopɔn nam honhom krɔnkrɔn boafo so ba yɛn nkyen daa; na ɔte akristofoɔ mu.

Ɔdɔfo; wabue wakoma mu ama Kristo honhom no? ɔpɛ sɛ ɔsesawo; na ɔhyɛ wo ma wo ne dɔ no mu; na ɔma wo ne daa asomdwee; anigye; abotwekyɛre; ne ɔdwo honhom sɛ ɔntra wo mu. (Mateo 11:29; Galatifo 5:22 -23) Ewurade gyina wakoma pono akyi rebɔmu. ɔdɔfo bue wakoma mu ma no. Na Menpirim wakoma ne watwen wɔ nanim; na mmom siesie wakwan yie ma EWURADE.

"Sɔre, hyerɛn, na wo hann aba, na AWURADE animuonyam apue wo so. Na hwɛ, esum bɛkata asase so, na esum kabii akata aman so;nanso AWURADE bɛpue wo so na n'animuonyam abɛda adi wo so" (Yesaia 60:1-2).


Oyankopɔn ba obiaa nkyen

Ewurade banbɔ wo obiara a honhom krɔkrɔn de ne nsa aka no; na wasome no sɛ ɔnka asɛmpa no nkyerɛ nnamfonom; ne nkuro mu sɛ Onyankopɔn dɔ won nti wommra nkyen no. ɔdɔfo; mma wo kristosom nnyɛ wo nkoaa; na mmom bɔ mmɔden danne afoforo nso bra Ewurade nkyen senea Kristo yɛɛ no; na fa won a wayera kwan no bra.

Sɛ wunnim senea kristosom te a; bɔ mpaɛ na srɛ Ewurade sɛ ɔnkyerɛ wo kwan a wobɛfaso asom no yiye; ama wo nso watumi akyerɛkyerɛ ɛbinom nso. Yɛ papa; na bue wo nsam ma ahiafoɔ. Na Ewurade bɛbue wano ama watumi anya ɔpɛpa ne akoko duro de aka asɛmpa akyerɛ won a wopɛ sɛ wɔte Onyankopɔn dɔ ne ne nekrɔnkrɔnyɛ ho asɛmpa no. Ewurade nhyɛ wo den; na ondi wanim; na ɔmbɔ woho ban daa. Fa woho ne wabrabɔ nyinaa hyɛ Kristo nsa; na wakwan nyinaa ayɛ nhira daa. Na Ewurade bɛma wo honhom mu mboa nyinaa nso.


Sua na twene Ewurade Yesu mbaɛ a ɛtɔ so abien no Ahintasɛm

Sɛ wopɛ sɛ wuya ntease bebree fa ɔkwan a yɛn Ewurade Yesu Kristo no fa so ba mbaa ne mbairima nkyen ne won bɛtra daa wɔ tete no; ne ɛnnɛ mbre yi mu a; ɔdɔfo kyerew yɛn nhoma anaa krataa; na yɛbɛ brewo Kristo ho asɛmpa nhoma no bi. Na wasua na wabɔ mpaɛ na ɛbɛma wayɛ den wɔ Kristo mu gyidie mu; wɔ ɔdɔ ne anidaso kɛse mu. ɔdɔfo; yɛbetwen wo krataa a wobɛkyerɛ yɛn no; mmma woweremfi sɛ wode wa address nso bɛ kaho ama yɛn.

WATERS OF LIFE (NKWA NSUO)
P.O. BOX 60 05 13
70305 STUTTGART
GERMANY

Internet: www.waters-of-life.net
Internet: www.waters-of-life.org
e-mail: info@waters-of-life.net

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on March 30, 2020, at 07:51 PM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)