Home
Links
Bible Versions
Contact
About us
Impressum
Site Map


WoL AUDIO
WoL CHILDREN


Bible Treasures
Doctrines of Bible
Key Bible Verses


Afrikaans
አማርኛ
عربي
Azərbaycanca
Bahasa Indones.
Basa Jawa
Basa Sunda
Baoulé
বাংলা
Български
Cebuano
Dagbani
Dan
Dioula
Deutsch
Ελληνικά
English
Ewe
Español
فارسی
Français
Gjuha shqipe
հայերեն
한국어
Hausa/هَوُسَا
עברית
हिन्दी
Igbo
ქართული
Kirundi
Kiswahili
Кыргызча
Lingála
മലയാളം
Mëranaw
မြန်မာဘာသာ
नेपाली
日本語
O‘zbek
Peul
Polski
Português
Русский
Srpski/Српски
Soomaaliga
தமிழ்
తెలుగు
ไทย
Tiếng Việt
Türkçe
Twi
Українська
اردو
Uyghur/ئۇيغۇرچه
Wolof
ייִדיש
Yorùbá
中文


ગુજરાતી
Latina
Magyar
Norsk

Home -- Twi -- John - 094 (The world hates Christ)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
D - Ɔne Won Dii Nkra Wɔ Mberɛ A Wɔrekɔ Gesɛmani No (Yohanne 15:1 - 16:33)

3. Wiase yi tan Kristo ne Nasuafoɔ no (Yohanne 15:18 – 16:3)


YOHANNE 15:26-27
26 "Na Okyigyinafoɔ a mɛsoma no mabrɛ mo afiri Agya no nkyɛn, nokorɛ Honhom a ɔfiri Agya no nkyɛn reba no, sɛ ɔnya ba a, ɔno na ɔbɛdi me ho adanseɛ; 27 na mo nso mobɛdi adanseɛ, ɛfiri sɛ moka me ho firi mfitiaseɛ."

Mmbuaeɛ bɛn na Onyankopɔn Baasa Koro no de maa wiase yi tan a wɔtan No ne sɛdeɛ wɔbɔɔ Onyankopɔn Ba no asɛndua mu no? Ɛno ne Honhom Kronkron no a ɔsomaa no baa wiase yi mu no. Na Honhom Kronkron no mbaeɛ mu na yɛnyaa yɛn nsɛnkyerɛnne ɛnnɛ yi mu. Ne mbaeɛ no kyerɛ sɛ Onyankopɔn aba wiase yi mu, ɛfirisɛ ofiri Agya no nkyen na ɛbaeɛ, na ɔne Nyankopɔn bom yɛ baako. Na napɛdeɛ ne sɛ wiase yi bɛnya ɔgyeɛ, ayɛ abɔdeɛ foforo. Na Honhom no bu ɔbɔnefoɔ no atɛn wɔ wiase yi mu, na ɔde yɛn kɔ Onyankopɔn kronkronyɛ mu, na ɔma adeɛ biara a ɛho nte biara da adagya. Na nahoɔden a ɛbaa asuafoɔ no soɔ no maa won de paa won ho akyi, na wiase deɛ ahantan hyɛɛ ne ahomasoɔ, ne ndaadaa na ɛhyɛɛ no ma. Na ɔno deɛ ɔyɛ Honhom nokorɛfoɔ, na ɔbu wiase atɛn wɔ ne ndaadaa ne namumuyɛ mu.

Wɔ berɛ koro no ara mu no ɔkyekye nasuafoɔ no werɛ, na ɔmaa wo hunuu sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba, a ɔyɛɛ wo nkwagyeɛ ho adwuma awie. Na awerɛkyekye Honhom no ma yɛn honhom awerɛkyekye ne adnsedie wɔ Yesu mu, na mama yɛhunu Agya no ankasa wɔ Ɔba no dɔ mu. Na sɛ Honhom Kronkron no nnim a yɛntumi nnhunu gyidie a ɛyɛ nokorɛ no. Na agyidifoɔ nyinaa gyetom sɛ yɛrenntumi nnya Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Awurade no mu gyidie ne awerɛhyem wɔ yɛn ankasa yɛn ahoɔden mu, anaasɛ yɛbɛfri yɛn ankasa ahoɔden mu aba ne nkyen, na mmom agyesɛ Honhom Kronkron no, a ɔnam Asɛmpa no so afrɛ yɛn na woama yɛn nakyɛdeɛ no nso, na ɔnam gyidie so atew yɛn ho koraa. Na ɔfrɛɛ yɛn nyinaa sɛ Akristofoɔ, nhyiamudie, a obue won aniwa na ɔyɛ won kronkron wɔ Kristo mu. Na ɔkra won so wɔ gyidie mu, wɔ ɔnokwafoɔ no mu. Na Honhom Kronkron no ma yɛn ahotɔsoɔ wɔ yɛn adansedie mu. Bɔ mmɔden sɛ woremmfa wo ho nnto woahonim ne wo nteaseɛ so wɔ mberɛ a woreyi Kristo ɛdie akyerɛ afoforo. Na mmom fa wo ho nyinaa hyɛ Honhom nyansafoɔ no nsa. Na tie nanom nsɛm na sua kwan a wobɛfasoɔ ayi Yesu ayɛ. Na saa akoma mu atinka a wɔde bɛtie Honhom no nne wɔ woa-dansedie mu no, bɛma woayɛ Awurade ɔsomafoɔpa wɔ nokorɛ mu.

Kristo frɛɛ nasuafoɔ dubaako no sɛ nadansedifoɔ, a wɔyɛ soronko ma no. Na saa asuafoɔ yinom na wɔde won ani hunuu deɛ ɔyɛɛeɛ nyinaa wɔ asaase yi so. Na wodii adanseɛ faa deɛ wohunuuɛ, na wɔteeɛ na wɔde won nsa kaaeɛ nyinaa ho, Na won anom nsɛm dii adanseɛ sɛ Onyankopɔn abu wiase yi bem wɔ asaase nyinaa so. Na yɛn gyidie ngyinasoɔ ne saa adansedie no. Ɛwom sɛ Yesu anntwerɛ nnwoma biara deɛ, na mmom ɔde Ne nsɛm nyinaa hyɛɛ Honhom Kronkron no nsa na ɔnam nasuafoɔ no anom nsɛm ne won nneyɛɛ so dii dwuma. Na nokorɛ Honhom no nndi atorɔ, na mmom ɔnam asuafoɔ no anum nsɛm so daa no ɛdi kyerɛɛ wiase yi a ɛyɛreɛ yi sɛ Kristo a ɔdɔ ahyɛ no ma no wɔ tumi na ɔnam nsuafoɔ no anom nsɛm so reyɛ nadwuma. Yesu, ankasa, ka kyerɛɛ nasomafoɔ no sɛ, "SƐ honhom Kronkron no nya ba mo so a mobɛnya ahoɔden, na moayɛ m'dansedifoɔ."

MPAEƐBƆ: Yɛyi wo ayɛ, o Onyankopɔn Ba, ɔkronkronni no, Wone Agua no ne Honhom Kronkron no yɛ baako, na wunnyaa yɛn ngyanka da, na mmom wɔsomaa wo nokorɛ Honhom bɛdii adanseɛ. Ma yɛn ho nte wɔ woanim daa. Na kyerɛkyerɛ yɛn ma yɛntumi ndi adanseɛ nkyerɛ afoforo na ama won agye wo ɛdi.

NSƐMBISA:

  1. Wiase yi a ɛbɔɔ Yesu asɛndua mu no ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn faa so ne won diiɛ?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 01:51 PM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)