Home
Links
Bible Versions
Contact
About us
Impressum
Site Map


WoL AUDIO
WoL CHILDREN


Bible Treasures
Doctrines of Bible
Key Bible Verses


Afrikaans
አማርኛ
عربي
Azərbaycanca
Bahasa Indones.
Basa Jawa
Basa Sunda
Baoulé
বাংলা
Български
Cebuano
Dagbani
Dan
Dioula
Deutsch
Ελληνικά
English
Ewe
Español
فارسی
Français
Gjuha shqipe
հայերեն
한국어
Hausa/هَوُسَا
עברית
हिन्दी
Igbo
ქართული
Kirundi
Kiswahili
Кыргызча
Lingála
മലയാളം
Mëranaw
မြန်မာဘာသာ
नेपाली
日本語
O‘zbek
Peul
Polski
Português
Русский
Srpski/Српски
Soomaaliga
தமிழ்
తెలుగు
ไทย
Tiếng Việt
Türkçe
Twi
Українська
اردو
Uyghur/ئۇيغۇرچه
Wolof
ייִדיש
Yorùbá
中文


ગુજરાતી
Latina
Magyar
Norsk

Home -- Twi -- John - 078 (The Greeks seek Jesus' acquaintance)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
A - Nawotwe Kronkron No Mfitiaseɛ (Yohanne 11:55 - 12:50)

3. Greekfoɔ no pɛɛsɛ wɔde won ho bɔ Yesu ho (Yohanne 12:20-26)


YOHANNE 12:20-24
20 Na Helafoɔ bi wɔ wɔn a wɔbaa sɛ wɔrebɛsɔre afahyɛ no ase no mu; 21 ɛnna wɔbaa Filipo a ɔfiri Betsaida a ɛwɔ Galilea no nkyɛn, nawɔbɛka kyerɛɛ no sɛ, "Owura, yɛpɛ sɛ yɛhunu Yesu." 22 Filipo ba bɛka kyerɛɛ Andrea, na afei Andrea ne Filipo bɛka kyerɛɛ Yesu. 23 Na Yesu buaa wɔn sɛ, "Dɔn no aduru sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no animuonyam. 24 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, ayuo baako antɔ fam anwu a, ɛwɔ hɔ korɔ no ara; na sɛ ɛwu a, ɛso aba pii."

Na Greekfoɔ a na won asakyera aba Yuda som mu no nyinaa boa wɔn ho ano kɔɔ Yerusalem; sɛ wɔrekodi Twam Afahyɛ no wɔ Hellenistfoɔ man mu. Na nkurɔfokuo no maa Yesu so wɔ osebɔ mu sɛ Ɔhene no, ɛyɛɛ Greekfoɔ no wawa yiye. Ɛno nti won pɛɛsɛ wɔbɛhunu no yiye sɛdeɛ ɔteɛ. Na aman nyinaa nyaa ɔpɛ sɛ wobɛhunu ɛyi mu. Na wohunuu sɛ Filipo ka Greek kasa no, ɔne Andrea kɔkasaeɛ maa won. Ɛno nti asuafoɔ miennu no kɔɔ Yesu nkyen, na ɛkaa Yesu akoma ɛfirisɛ ohunuu nnipa dodoɔ a ɛbɛfiri amanaman no mu aba Ne nkyen. Na wohunu sɛ, sɛ Yesu fri ɔman no mu na ɔkɔ Greekfoɔ no mu a ɛno bɛboa no afri Jew atetee a wɔde teetee no mu.

Na Yesu hunuu won adwene, na ohunu sɛdeɛ amanaman no kon dɔ sɛ wobɛhunu no ne deɛ Greekfoɔ no nso de ato asuafoɔ no anim sɛ wonka nkyerɛ no no. na ɔkaa asɛmhia bi kyerɛɛ won, nanso won anya ɛmu nteaseɛ, nanso na ɛyɛ nkunimdie asɛm, na ɛno na ɛbɛyɛɛ Yohane asɛm no tiriasɛm, "Ɛfei na woahyɛ Onyankopɔn Ba no annuoyam." Na mberɛ no aduru sɛ wɔhyɛ no annuoyam, na deɛ ɔsoro ne asaase rehwɛ kwan no abɛn.

Na ɛyɛ awawadeɛ mu awawadeɛ; ɔko mu nkunimdie, amanyɔsɛm mu tumi nnyɛ Yesu annuoyamhyɛ mu nsɛnkyerɛnne. Afei nso Yohane anntwerɛ sɛdeɛ Yesu sakyeraa wɔ bepɔ no so no, ɛfirisɛ woannhunu ɛyi sɛ ɛyɛ annuoyam a ɛho hia yiye. Na mmom ɔbɔɔ din, de kyerɛɛ annuoyamhyɛ a ɛbɛpue afri Kristo wuo no mu aba. Wɔ asɛndua no so no, yɛhunuu Ne Nyamesu tumi no, a ɛno ne Ne dɔ kɛseɛ no.

Yesu frɛɛ ne ho sɛ awifua, ɔsoro aba a ɛtɔɔ fam, a woapa ne ho akyi na woayi trenee ne annuoyam ɛdi akyerɛ. Yesu ne annuoyam Hene no. Na Ne wuo no nso tew yɛn ho koraa, yɛn a anka yɛaporɔ, na woama yɛafata sɛ yɛbɛsɛ nannuoyam tumi no bi. na Greekfoɔ no baaeɛ no maa ɔfrɛ soronko, na ɛkyerɛɛ ampa sɛ ɔfrɛ nnipa nyinaa fri aman nyinaa mu. Na oyi nannuoyam no ɛdi wɔ won mu. Na saa annuoyam no bɔ wura abɔdeɛ nyinaa mu wɔ asɛndua no mu.

YOHANNE 12:25-26
25 "Deɛ ɔdɔ ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa; na deɛ ɔtane ne kra wɔ wiase ha yi no, ɔbɛkora no akɔ daa nkwa mu. 26 Sɛ obi som me a, ma no nni m'akyi, na faako a mewɔ no, ɛhɔ na me somfoɔ nso bɛba; na sɛ obi som me a, m'Agya bɛdi no ni."

Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ ɔkwan a ɔfaa so wuiɛ na ɔkɔɔ nannuoyam mu no saa ara nso na nasuafoɔ no nso bɛfa mu. Sɛdeɛ Ɔba no gyaa nannuoyam hɔ no, na ɔpaa ne ho akyi na ɔfaa Onyankopɔn su de bɛgyee nnipa no, saa ara nso na ɛnnyɛ yɛn botaeɛ ne sɛ yɛbɛyɛ yɛn ho kokoroo anaasɛ yɛbɛpɛ ɛdin, na mmom no yɛbɛpa yɛn ho akyi daa. Ɔdɔfoɔ hwehwɛ wo mu, so wodɔ wo ho anaasɛ wotan wo ho? Kristo se sɛ wopa wo ho akyi, na wosom wɔ N'Ahennie no mu wɔ nokorɛ mu a wobɛnya Onyankopɔn daa nkwa no. Na wɔde wokra bɛkɔ daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ mu. wɔ saa nsɛm yi mu no na Yesu kyerɛɛ yɛn sɛdeɛ annuoyam teɛ ankasa wɔ nokorɛ mu. So wobɔ wobra de sɔ wo ankasa woakɔnnɔ ani anaa, anaasɛ woyɛ ahomasoɔ, bɔ mmɔden na danne wo ho bra Onyankopɔn nkyen na tie ne mmra nsɛm no, na hwehwɛ won a wonni bie ne won a woayi won totwene na som wɔn, te sɛdeɛ ɔpaa ne ho akyi frii nannuoyam mu no, na ɔne adwammanbɔfoɔ ne akorɔfoɔ tenaa ɛdidi pono ho too nda didiiɛ no. Sɛ wone adebɔneyɛfoɔ bɛkyɛ deɛ wowɔ nyinaa Asɛmpa no nti a ɛno mu na annuoyam bɛpue ama woɔ wɔ woabrabɔ mu. Na nnyɛ woadwene sɛ woyɛ papa sene afoforo koraa. Ɛfirisɛ Yesu nkoaa na obɛtumi ama woabrabɔ mu ayɛ fann wɔ wo nkuguo nyinaa mu. Saa nsesaeɛ yi nyinaa daa ɛdi wɔ ahopaakyi mu.

Yesu de ne nyehyɛeɛ nyinaa sii hɔ pɛfee, na ɔkaa sɛ nakyidie nteaseɛ ne sɛ yɛbɛdi nakyi nokorɛ mu na yɛahwɛ nabrabɔ asua no, na ɛfei nso yɛne no abom ahunu amaneɛ bi. Nakwan no nnyɛ wiase ahyehyɛdeɛ hyɛpɛɛ ne ahomasoɔ; ɛnnyɛ ɛyi ne Kristo akyidifoɔ kyɛfa. Na mmom nnipa bɛpo won, na woatan won, na wobɛfa ɔtaa mu ne owuo mpo. So woayɛ krado sɛ wobɛhunu amaneɛ ama ne din no anaa? Ɔhyɛɛ yɛn bɔ sɛ, "Baabiaa mewɔ no, ɛhɔ nso na masomfoɔ nso bɛba." Yesu ahunu amaneɛ ama yɛn, ɛno nti ɔne wo nso bɛfa woamaneɛ mu. Annuoyamhunu nnyɛ Kristo nkoa kyɛfa wɔ saa akwantuo yi mu. Yɛn anigyie nnyɛ sɛ yɛbɛsɔ yɛn ho ani, na mmom ɛne sɛ yɛbɛsom ahiafoɔ. Kristo annuoyam yɛ kɛseɛ wɔ nakyidifoɔ nkenyan honhom mu. Na sɛ yɛdanne bɛyɛ sɛ ne Ɔba no a, ɛhyɛ Agya no din annuoyam.

Sɛdeɛ Kristo te n'Agya no nsa nifa so wɔ Nahennie mu no, na ɔne no teɛ wɔ ayɔnkofa soronko mu no, saa ara nso na won a wɔfa ɔtaa ne amaneɛ mu ɛnnɛ wɔ ne din nti no ne no bɛtena wɔ ɔsoro Agya no mu. Saa ahintasɛm yi yɛ kɛseɛ a ɛmu dɔ. Ɛbɛyɛ annuoyam kɛseɛ sɛ Agya no bɛmma ne dɔ Ba no nkoa bebree? Na ɔbɛmma ne nipasu atena won mu, sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ adebɔ mfitiaseɛ no. Wɔ ne nyinaa mu no, ɔde ne Honhom Kronkron no nso bɛhyɛ won ma. Na won nyinaa bɛyɛ mma te sɛ ne Ba no, na Ɔba no bɛyɛ abakan wɔ anuanom nyinaa mu. Na wɔbɛtena n'Agya no anim wɔ daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ mu wɔ soro hɔ (Romanfo 8:29; Adiyisɛm 21:3-4).

MPAEBƆ: Yɛda wo ase, Awurade Yesu, ɛfirisɛ wo nkoaa woanntena woannuoyam mu, na mmom wopaa wo ho akyi wɔ wo kɛseyɛ mu. Yɛda wo ase wɔ woaho brɛaaseɛ a ɛte sɛ ɛyi. Yɛbɔ mpaeɛ sɛ wobɛgye yɛn afri yɛn ahomasoɔ mu, na ama yɛhunu ɔgyeɛ a ɛfri wɔ Honhom no mu ba a ɛma yɛtumi som wo wɔ ɔdɔ mu wɔ yɛn abrabɔ mu.

NSƐMBISA:

  1. Adɛn nti na Kristo wuo no yɛ annuoyamhyɛ wɔ nokorɛ mu?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 06:49 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)