Waters of LifeBiblical Studies in Multiple Languages |
|
Home Bible Treasures Afrikaans |
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba
Previous Lesson -- Next Lesson YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
C - Yesu Akwantuo A Ɛtwatoɔ A Ɔkɔɔ Yerusalem (Yohanne 7:1 - 11:54) Ɛsum No Firii Hyan No Mu Kɔɔeɛ
4. Oyanee Lazarus frii awufoɔ mu ne ɛho nsunsuansoɔ (Yohanne 10:40 – 11:54)
a) Yesu twaa Yordan asubonten no (Yohanne 10:40 – 11:16)YOHANNE 10:40-42 Na ɔtan a ɛda Yesu ne Fariseefoɔ no ntam no yɛɛ kɛseɛ; na wɔde ɔtan kenyan nkurɔfokuo no mpaninfoɔ no asane obubuani bi a onyaa nayaresa wɔ Basada no nti (nkyekyɛmu 5 no). Na ɔkɔɔ Yerusalem mprensa soɔ mu no, saa ɔtan yi yɛɛ kɛseɛ kɔɔ nnipakuo no nyinaa mu. Nanso kanea no hyeren wɔ ɛsum no mu, na ɛsum no anntumi anndi so. Wɔ mberɛ nyinaa mu no, na wɔpɛsɛ wokum Yesu. Nanso ɔde akokoduro kɔ Hyiadan no mu bio ne bio mberɛ nyinaa, na ɔkyerɛkyerɛɛ nasuafoɔ no wɔ Honhom mu yini mu ne nyansa ne gyidie mu, na natanfoɔ no deɛ wɔtan no mberɛ nyinaa. Da a ɛdi Asɔrefie nsiesie afahyɛ no akyiri no, Yesu frii Yesrusalem kuro no mu kɔɔeɛ, na ɔkɔɔ Yordan mansin no mu, wɔ baabiaa Badwakuo no nni dwumadie biara wɔ hɔ. Na ɛhɔ na Yohane Osuboni no kaa asɛmpa nso, a Jewfoɔ tumidie amanbuo nnduru hɔ, na mmom ɛhɔ hyɛ Herodi amanbuo ase. Na Yohane Osuboni no agye din wɔ hɔ yiye; na nadansedie a odi faa Yesu ho no daa ɛdi pɛfee. Na won a wɔgyee Osuboni no adansedie no diiɛ no kɔɔ so tenaa won gyidie no mu ara. Nanso na atanfoɔ no akum won kyerɛkyerɛfoɔ no ɛtwa ne ti. Na Yesu duruu hɔ no, won nyinaa kɔɔ no hɔ, ɛfirisɛ na wonim sɛ ɔbrɛ ne ho ase yiye, na ɔwɔ tumi ne ahoɔden. Na Yesu yii nsɛnkyerɛnne ɛdi kyerɛɛ won, na ɔnam nokorɛ so kaa Onyankopɔn asɛmpa kyerɛɛ won. na ɛmaa won mu dodoɔ no ara buee won akoma mu maa Asɛmpa no, na ɔmaa wokuraa won gyidie a ɛwɔ Osuboni no adiyisɛm no mu no, ɛwom sɛ Osuboni no annyɛ nsɛnkyerɛnne biara a ɛsi ne ndwuma no so dua deɛ. Nanso Yesu baa won nkyen ara pɛ, wonyaa ne mu gyidie sɛ Ɔno ne won Awurade ne won agyenkwa no. YOHANNE 11:1-3 Na Yesu kyerɛkyerɛɛ won wɔ Yordan mansin no mu no, na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Lazaros yare wɔ hɔ. Na ofri akuraa bi ase a ɛwɔ ngo bepɔ no so. Na saa mberɛ no mu no na Yesu akɔsrɛ won wɔ wɔn fie hɔ berɛ bi a ɛtwam. Na Kristo ne Martha a ɔyɛ Lazaros nua baa nyaa nkutahodie, na obiara nim sɛ ɔyɛ nadamfo. Ɛwom sɛ Yohane anntwerɛ saa nsɛm no annkyerɛkyerɛ mu yiye, ɛfirisɛ Asɛmpa nwoma afoforo no aka ho asɛm dada. Na mmom ɔkaa sɛdeɛ Maria nso de ngo huamhuam bi guu Yesu nan ase. Na ɔsɛmpakafoɔ no kyerɛkyerɛ ahintasɛm sɛdeɛ na Awurade asɛm ho nsukɔm de saa ɔbaa no. Na ɔde ngo no guu Yesu nan ase yiyeɛ no ɔde ne tiriso nhwi popaaɛ (Yohane 12:1-8). Na ɔyɛɛ saa de brɛɛ ne ho ase maa no, na oyii ɔdɔ ne gyidie ɛdi kyerɛɛ Onyankopɔn Ba no. Na nsɛm a ɛfaa Lazaros yareɛ no ho no maa Yesu werɛ hooɛ. Nanso Lazaros nuanom mbaa no nam gyidie so twee Yesu kɔɔ won nkyen. Nanso won ammfa nkotosrɛ dendenso annkɔ Yesu nkyen annsrɛ no sɛ won nua barima no yare nti ɔmbra mmɛsa nadamfo no yareɛ ntɛmso, na mmom wɔmaa naso teeɛ sɛ ɔyare, na wɔwɔ awerɛhyɛm bi sɛ Yesu bɛtumi asoma ayaresa ɛfri akyirikyri akɔsa Lazaros yareɛ. Na ɛfei nso wonyaa nkuranhyɛ bi sɛ Lazaros yareɛ no bɛtumi ahyɛ Yesu ama woaba won nkyen abɛyɛ biribi. Ɛdin "Lazaros" no kyerɛ sɛ "Onyankopɔn aboa me". Ɛno nti saa din yi bɛyɛɛ asɛm a ɛyɛ nsɛnkyerɛnne a ɛtwatoɔ a Yohane kaa ho asɛm. YOHANNE 11:4-10 Na Yesu tee asɛm no, na onim yare wuo mu ateetee a saa berɛ no nadomfo no nam mu. Nanso ɔkaa sɛ yareɛ no nnyɛ yare wuo, Na mmom ɛyɛ Onyankopɔn annuoyamhyɛ. Na Yesu nam Honhom Kronkron no so nim deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ ansana nadomfo awu, na ɔnam Ne tumi no so bɛma owufoɔ no ayane aba nkwa mu bio wɔ Yerusalem kurom. Na ama nnipakuo a ɛwɔ Yerusalem no mu bebree anya gyidie. Onyankopɔn annuoyamhyɛ ne Kristo no nso annuoyamhyɛ nyinaa yɛ baako. Ɔsɛ Annuoyamhyɛ ntontom, ɛfirisɛ odii owuo so nkunim. Nnipa nyinaa hyɛ owuo tumi ne ne nwowooɛ ase. na ɛde obiara kɔ baabiaa wompɛ, na wɔte nka. Nanso na Yesu nim N'Aagya no apɛdeɛ na ɛno nti na ɔnsuro owuo ne deɛ otumi yɛ nso, na ohunuu deɛ ɛde owuo baaeɛ. Ɛno nti na onim sɛ obɛtumi adua nkwa wɔ wiase a ɛyareɛ no mu. Na Yesu annkɔ Bethany prekopɛ; na mmom ɔtwetwɛn Ne nan ase nnanu. Na ɔmaa owuo menee nadomfo no. Na ɛyɛɛ nasuafoɔ no ahometeɛ sɛ ɔresan akɔ Yudea bio; ɛfirisɛ na ɛhɔfoɔ no pɛɛsɛ wosiw Yesu aboɔ kane no. Asuafoɔ no annya awerɛhoɔ biara ammma Lazaros, anaasɛ wɔpɛɛsɛ wohunuu Onyankopɔn annuoyamhyɛ wɔ ne mu, na mmom wosurooeɛ maa won anksa won nkwa. Na ɛyi mu no, Yesu buu won bɛ bi de yɛɛ mfantoho kaa sɛ, sɛ obi nante awiaberɛ a ohunu kwan mu yiye, na mmom sɛ obi nante anadwo a ɔtɔ ɔhaw ne amaneɛ ahorroɔ mu. Sɛdeɛ na nasɛndua mu bɔ no abɛn no, adekyee da so wɔ so a annya mbaa ɛwieɛ. Na wɔkɔɔ Yerusalem wɔ asomdwee mu, wɔ Onyankopɔn banbɔ nsam. Obiara ɔnngye Onyankopɔn banbɔ ne Ne nhwɛsopa nndi no, saa nipa no bɛtena ɛsum kabii mu te sɛ Yesu atanfoɔ no, ɛfirisɛ wonnyaa gyidie kanea a ɛhyeren no wɔ won akoma mu. Ɛno nti Yesu ka kyerɛɛ nasuafoɔ no sɛ wonya Ne mu gyidie ne Ne banbɔ a ɔde bɛdi won anim no prekopɛ. Annyɛ saa a anngye anndi bɛtwe won akɔ ɛsum kabii mu. Na ɛyi yɛ awerɛkyekye mberɛ wɔ ɛsum kabii mu a biribiara nntumi nnto yɛn kwa a ɛnnyɛ Awurade apɛdeɛ. Ɛfirisɛ Ne mu na yɛwɔ awerɛhyem ne akokoduro. MPAEBƆ: Awurade Yesu, yɛda wo ase sɛ woyɛ yɛn abrabɔ mu owura; ɛfirisɛ wo kanea no mu na yɛhunu kwan no. Na wo kyerɛ yɛn kwan kɔ kwantee so, mpo sɛ woatanfo no pɛ yɛn sɛeɛ a. Boa yɛn, ma yɛngyina wɔ yɛn amanehunu ne ahaw mu wɔ wo din nti, na ama wo nhwɛsopa no ahyɛ wo annuoyam wɔ yɛn gyidie mu. NSƐMBISA:
|