Home
Links
Bible Versions
Contact
About us
Impressum
Site Map


WoL AUDIO
WoL CHILDREN


Bible Treasures
Doctrines of Bible
Key Bible Verses


Afrikaans
አማርኛ
عربي
Azərbaycanca
Bahasa Indones.
Basa Jawa
Basa Sunda
Baoulé
বাংলা
Български
Cebuano
Dagbani
Dan
Dioula
Deutsch
Ελληνικά
English
Ewe
Español
فارسی
Français
Gjuha shqipe
հայերեն
한국어
Hausa/هَوُسَا
עברית
हिन्दी
Igbo
ქართული
Kirundi
Kiswahili
Кыргызча
Lingála
മലയാളം
Mëranaw
မြန်မာဘာသာ
नेपाली
日本語
O‘zbek
Peul
Polski
Português
Русский
Srpski/Српски
Soomaaliga
தமிழ்
తెలుగు
ไทย
Tiếng Việt
Türkçe
Twi
Українська
اردو
Uyghur/ئۇيغۇرچه
Wolof
ייִדיש
Yorùbá
中文


ગુજરાતી
Latina
Magyar
Norsk

Home -- Twi -- John - 061 (Christ exists before Abraham)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
C - Yesu Akwantuo A Ɛtwatoɔ A Ɔkɔɔ Yerusalem (Yohanne 7:1 - 11:54) Ɛsum No Firii Hyan No Mu Kɔɔeɛ
1. Yesu anom nsɛm a ɔkaaeɛ wɔ ntɔmadan afahyɛ no mu (Yohanne 7:1 – 8:59)

g) Na Kristo wɔ hɔ ansana wɔwoo Abraham (Yohanne 8:48-59)


YOHANNE 8:48-50
48 ɛnna Yudafoɔ no bua see no sɛ, "Yɛanka ampa sɛ woyɛ Samariani na wowɔ honhommɔne?" 49 Yesu buaa sɛ, "Me deɛ, menni honhommɔne; namedi m'Agya no ni, na mo deɛ, mohyɛ me ahohora. 50 Me deɛ, menhwehwɛ me ara m'animuonyam; obi wɔ hɔ a ɔhwehwɛ na ɔbu atɛn."

Yesu bubuu Jewfoɔ no mfomsoɔ no nyinaa, na ɔkyerɛɛ won sɛ wɔn dwumadie nyinaa fri ɔbonsam honhom mu, sɛ wɔde bɛpo nokorɛ no.

Na won nkotia no mu no, otutuu ahonhomfi no pueɛ. Na anka ɛsɛ sɛ wɔsakyera won adwene na wosu ma wɔn bɔne mmom no, wɔde wɔn ho kɔbɔɔ ɔbonsam ho, na ɛno dii adanseɛ tiaa wɔn sɛ wɔpo Yesu awoɔ a wɔnam Honhom Kronkron so woo no no. Na wɔfrɛɛ no Samariani a ofri amanaman no mu. Na wɔtee wɔ Yerusalem sɛ Samaria anya honhom mu nkenyan soronko no, Jewfoɔ no nyaa abufuo.

Nanso na ɛkuo baako nim sɛ Yesu yɛ Jewni, na wɔkaa sɛ ɔyɛ Jewni. Na ɛbinom nso kaa sɛ ɔde ahonhomfi panin na ɛyɛ ne nsɛnkyerɛnne. Na wɔn a ahonhomfi ahyɛ won ma no nnim won gyinabea ankasa sɛdeɛ ɛteɛ, na mmom no wɔn mmom ka sɛ Onyankopɔn Kronkronni no na ahonhomfi ahyɛ no ma. Na atoro nyinaa agya no dannee wɔn adwene sɛ wonhunu ade fitaa sɛ ɛyɛ tuntum, ne tuntum sɛ fitaa.

Na Yesu de ahobrɛaaseɛ buaa saa nkurɔfokuo yi ano kaa sɛ, "ɔbonsam nnte me mu; na mmom Honhom Kronkron ahyɛ me ma. Na honhomfi biara nni me mu a ɛyɛ wiase apɛdeɛ ma me. Na mmom nokorɛ ne ɔdɔ na ahyɛ me ma; na membɔ me bra sɛ mede meho; na mmom mapa me ho akyi na mehyɛ m'Agya no annuoyam; na ɛyi ne mesompa. Na mebɔ Onyankopɔn din kyerɛ mo, na mede me ndwuma yɛ Agya no din kronkron. Nokorɛ, meyi Agya no nokorɛdie ɛdi kyerɛ mo, nanso modeɛ motan me, sɛ mekaa sɛ Onyankopɔn yɛ m'Agya nti. Ahonhomfi a ahyɛ mo ma no mma mo kwan ma Onyankopɔn Honhom mfa mo domum. Na mompɛ sɛ mobɛyɛ Ɔkronkronni no mba, ɛno nti meyɛ abusudeɛ ma mo na mo botaeɛ ne sɛ mobɛkum me. Na medeɛ menhwehwɛ me ankasa mannuoyam, ɛfirisɛ mene Agya no na ɛwɔ hɔ daa ɛnni ɛwieɛ. Ɔno na ɔbɔ me ho ban, na ɔhwɛ me so, na ɔhyɛ me annuoyam nso. Na ɔno na obu mo atɛn, ɛfirisɛ mopo me. Obiara a ɔbɛpo deɛ Honhom Kronkron woo no no, bɛnya Onyankopɔn atɛnbuo. Ɛfirisɛ ahonhomfi ahyɛ obiara a ɔbɛpo me no ma, na osi won kwan sɛ wɔbɛgye agyenkwa no ɛdi."

YOHANNE 8:51-53
51 "Mereka akyerɛ mo nokorɛ, mu pa ara sɛ, obi di m'asɛm so a, ɔrenhunu owuo ara da." 52 ɛnna Yudafoɔ nosee no sɛ, "Afei na yɛahunu sɛ wowɔ honhommɔne. Abraham ne adiyifoɔ no wuwui, na wo deɛ, wose: Sɛ obi di m'asɛm so a, ɔrenka owuo nhwɛ ara da. 53 Woyɛ kɛseɛ sene yɛn agya Abraham a ɔwuiɛ no? Na adiyifoɔ no nso wui; woreyɛ wo ho hwan ni?"

Yesu bɔɔ Asɛmpa no nyinaa tɔfa, ɛno nti obiara otie nanom nsɛm no, ɔgye tom na ɔde yɛ adwuma nso na okoraso wɔ nakoma mu, na wobɛhunu sɛ saa nsɛm no kura tumi kɛseɛ wɔ won abrabɔ mu. Na ɛno nti wobɛnya daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ na wɔrenyera ara da. Na wɔn deɛ owuo bɛyɛ opono a wɔbɛfa mu akɔ Onyankopɔn Agya no nkyen, a ɛnnyɛ sɛ won papayɛ bi ntia, na mmom ɛfirisɛ Kristo nsɛm te won akoma mu nti. So woanya nteaseɛ wɔ saa nhyehyɛeɛ a ɛda hɔ wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu anaa? Obiara a onnni Kristo anom nsɛm wɔ nakoma mu no tɔ bɔne mu ne ɔbonsam nhyɛsoɔ mu. Na won a wokora Asɛmpa no ne Nanom nsɛm no wɔ daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ.

Na abufuo hyɛɛ Jewfoɔ no ma, na wɔteaamu kaa sɛ, "Woyɛ ɔbonsam, na woyɛ ɔtorofo. Yɛn agyanom no nyinaa wuwuiɛ. Ɛno nti adɛn nti na woreka sɛ woanom nsɛm de daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ bɛbrɛ won a wɔbɛgye wo adie nyinaa? So woyɛ kɛseɛ sene ɔbɔadeɛ no anaa, ɛfirisɛ wose woma nkwa a ɛnni ɛwieɛ a owu nni mu? So woyɛ kɛseɛ sene Abraham anaa, ne Moses ne David? Woagu wo ankasa woho fi."

YOHANNE 8:54-55
54 Yesubuaa sɛ, "Sɛ mehyɛ me ho animuonyam a, m'animuonyam no nyɛ hwee: ɛyɛ m'Agya a moka sɛ ɔne mo Nyankopɔn no na ɔhyɛ me animuonyam. 55 Nso moanhu no, na me deɛ, menim no; na sɛ meka sɛ mennim no a, meyɛ ɔtorofoɔ te sɛ mo. Nanso menim no, na medi n'asɛm so."

Na Yesu de mbuaeɛ bɔkɔɔ maa won, na oyii ne nipaban ne Ne kɛseyɛ ɛdi kyerɛɛ won yiye. Na ɔno a ɔyɛ Kristo no nnhwehwɛ annuoyam mmma Ne ho. Ɛfirisɛ Ɔno na annuoyam nyinaa yɛ ne dea. Na Onyankopɔn hyɛ Ne Ba no annuoyam daa, na Agya no wɔ Ɔba no mu, na Ne mu na Onyankopɔn Agyayɛ nyinaa wie pɛyɛ na ɛda ɛdi pɛfee. Na Jewfoɔ no paemu ka sɛ Otumfoɔ no ne won Nyankopɔn, nanso wonim no wɔ nokorɛ mu. Na mmom won agya ne ɔbonsam na wɔde "Onyankopɔn din no" di atoro ndwuma. Na wɔkekare won anim yɛ won ho sɛ atreneefoɔ, nanso ɔdɔ Honhom biara nni won mu. Obiara a onim Nyankopɔn no, wɔ ɔdɔ sɛdeɛ Onyankopɔn ankasa dɔ no no. Ɛno nti ɔsom biara a ɛka sɛ "Onyankopɔn" din no nkoaa yɛ ngyinasoɔ a wɔde won ho to soɔ no, nnkyerɛ sɛdeɛ nkwa ho hia fa; na saa ɔsom no ngyinasoɔ nyinaa yɛ mfomsoɔ. Onyankopɔn yɛ Agya, Ɔba, ne Honhom Kronkron. Na ɛsu ahorroɔ ne ɛdin ahorroɔ no a ɔsom ahorroɔ no ka na wɔde kyerɛ onyamesu no nyinaa yɛ wiase nyansa. Na mmom Onyankopɔn ho nokorɛdie no gyina Onyankopɔn Baasa Koro no nkabom so. Ɛno nti Yesu kaa Jewfoɔ no anim kaa sɛ, "Munnim No. Na moabrabɔ ne mo adwene ne mo nsusuiɛ nyinaa fapem yɛ ntorɔsɛm. Na mo aniwa afura wɔ nokorɛ no ho." Na Yesu ka kyerɛɛ won sɛ onim daa nkwa no. Na sɛ ɛnte saa a, anka nadansedie a ɛfa Agya no ho no bɛyɛ atorɔ. Na mmom Yesu paemu kaa Agya no ho asɛm na ɔdaa Onyankopɔn suban ɛdi kyerɛɛ Jewfoɔ no.

YOHANNE 8:56-59
56 "Mo agya Abraham ho sanee no sɛ ɔbɛhu me da; na ɔhunui, na n'ani gyee." 57 ɛnna Yudafoɔ no see no sɛ, "Wonnya nnii mfirinhyia aduonum, na wohunuu Abraham?" 58 Yesu see wɔn sɛ, "Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, Abraham nnya mmaeɛ no, na mewɔ hɔ." 59 ɛnna wɔtasee aboɔ sɛ wɔbɛto abɔ no, na Yesu huntae, na ɔfiri asɔrefie hɔ kɔe.

Na Yesu ka kyerɛɛ Jewfoɔ no sɛ wonnim Onyankopɔn nokorɛfoɔ akyiri no, na won mmɔdenbɔ ne won ahokeka nyinaa fri ɔbonsam no, oyii Ne daa nkwa tumi ɛdi kyerɛɛ won, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛgye no ɛdie anaasɛ wɔbɛpo no. Na oyii ne Nyamesu ɛdi kyerɛɛ won a ɔde Abraham yɛɛ mfantoho kyerɛɛ won, a ɔno ne agyidifoɔ nyinaa agya no. Na ɛyi mu no Yesu daa no ɛdi kyerɛɛ yɛn sɛ Abraham wɔ Onyankopɔn nkyen, na nani gyee sɛ Kristo baa honam mu; ɛfirisɛ ɛno mu na, bɔhyɛ a wɔhyɛɛ Abraham no nyinaa baa mu, sɛ ne mu na wobɛhyira amanaman nyinaa.

Na ɛyi mu no, ɛyɛɛ Jewfoɔ no wawa, na wɔkaa sɛ, "Woyɛ abranteɛ a wonyiniiɛ na wɔreka sɛ woahunu Abraham a woatwa mu mfeɛ mpem miennu ne akyirie? woabɔdam."

Na Yesu buaa won wɔ nahennie tumi kasa mu see won sɛ, "Ansana Abraham nnyaa mbaaeɛ no, na Mewo hɔ." Na ɔtoaaso kaasɛ, "Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ," sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wobɛhunu sɛ ɔno ne daadaa Nyankopɔn no, sɛdeɛ N'Agya no nso teɛ no. Naso no, na Osobɔni no ayi Kristo no daa ɛnni ɛwieɛ tumi ɛdi akyerɛ won dada. Nanso nnipakuo no anntumi annhunu saa nokorɛ yi, na won anngye anni sɛ onipa bɛtumi ayɛ daa Onyankopɔn no.

Na wobuu Kristo adansedie no sɛ abusudeɛ, ne deɛ ɛko tia Onyankopɔn, ne deɛ ɛmmfa ne kwan mu; na ɛmaa won ho pree won sɛ wɔrenntwen mpo sɛ mpaninfoɔ no bɛbu no fɔ ansa, na mmom wɔfaa aboɔ sɛ wɔde rebɛ siw No, nanso ɔyeraaɛ frii won ntam. Na yɛnnim kwan a ɔfaaso tu yeraaɛ. Ɛfirisɛ na ne dɔn nnya nduruuɛ. Na ofrii hyiadan no mu kɔɔeɛ.

MPAEBƆ: Awurade Yesu, yɛyi wo ayɛ, ɛfirisɛ wone daadaa Nyankopɔn a wowɔ hɔ daa, a nokorɛdie, ne ɔdɔ ahyɛ wo ma. Na wonnhwehwɛ annuoyam mmma wo ho, na mmom wohyɛ Agya no nko ammuoyam. Yɛsrɛ wo sɛ yi yɛn fri ahantan ne ahomasoɔ nyinaa mu. Na amma yɛannkɔtɔ ɔbonsam bɔne mu. Boa yɛn na ama yɛatumi ayɛ Agya no din no kronkron, na yɛafa gyidie so anya daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ.

NSƐMBISA:

  1. Adɛn nti na Jewfoɔ no pɛɛsɛ anka wosi Yesu aboɔ?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 02, 2022, at 08:23 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)