Home
Links
Bible Versions
Contact
About us
Impressum
Site Map


WoL AUDIO
WoL CHILDREN


Bible Treasures
Doctrines of Bible
Key Bible Verses


Afrikaans
አማርኛ
عربي
Azərbaycanca
Bahasa Indones.
Basa Jawa
Basa Sunda
Baoulé
বাংলা
Български
Cebuano
Dagbani
Dan
Dioula
Deutsch
Ελληνικά
English
Ewe
Español
فارسی
Français
Gjuha shqipe
հայերեն
한국어
Hausa/هَوُسَا
עברית
हिन्दी
Igbo
ქართული
Kirundi
Kiswahili
Кыргызча
Lingála
മലയാളം
Mëranaw
မြန်မာဘာသာ
नेपाली
日本語
O‘zbek
Peul
Polski
Português
Русский
Srpski/Српски
Soomaaliga
தமிழ்
తెలుగు
ไทย
Tiếng Việt
Türkçe
Twi
Українська
اردو
Uyghur/ئۇيغۇرچه
Wolof
ייִדיש
Yorùbá
中文


ગુજરાતી
Latina
Magyar
Norsk

Home -- Twi -- John - 042 (Jesus offers people the choice)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
B - Yesu Ne Nkwa Aboodoo No (Yohanne 6:1-71)

4. Yesu maa nnipa akwanya sɛ, "wɔbɛgye no atom anaasɛ wɔbɛpo No!" (Yohanne 6:22-59)


YOHANNE 6:22-25
22 Adeɛ kyeeɛ no, na nkurɔfokuo a wɔgyina ɛpo no agya no hunuu sɛ kodoɔ biara nni hɔ sɛ baako a n'asuafoɔ no kɔɔ mu, nanso ɛnyɛ Yesu ne wɔn na ɛkɔɔ kodoɔ nomu no, n'asuafoɔ no nko na wɔkɔeɛ. 23 Na akodoɔ foforɔ firii Tiberia baa faako a Awurade daa ase, na wɔdii paanoo no hɔ; 24 enti nkurɔfokuo no hunuu sɛ Yesu nni hɔ na n'asuafoɔ no nso nni hɔ no, wɔn nso kɔɔ akodoɔ no mu, na wɔbaa Kapernaum bɛhwehwɛɛ Yesu. 25 Na wɔhunuu no ɛpo no agya no, wɔsee no sɛ, "Rabi, da bɛn na wobaa ha?"

Na nkurɔfokuo hunuu sɛ Yesu ammfa kodoɔ no ankɔbie no, ɛyɛɛ won wawa yiye sɛ ɛfei woatumi abɛka asuafoɔ no. Na wɔkaa sɛ ofirii won nkyen anadwo dasuo mu na ɛkɔeɛ.

Nnipa mpem mpem san won akyi kɔɔ Kapenium, na wɔde won ho too paanoo a ɔde maa won diiɛ no so. Na ɛyɛɛ nnipa pii wawa na ɛbinom nso won ani beree no, sɛ ɔrekɔ so boro so. Na nkurɔfokuo no nyinaa hwehwɛɛ Yesu wɔ asuafoɔ no afie afie mu, kosii sɛ wohunuu no wɔ won ntam. Na ɛfei wohunuu nokorɛ a ɛwɔ Kristo som nhyehyɛeɛ mu, "Baabia nnipa miennu anaasɛ miensa ahyia wɔ Me din mu no, na Me wɔ won ntam."

Won a won ho pree won sɛ wobɛhunu nsɛnkyerɛnne bi no nim sɛ ɔbɛyɛ awawadeɛ foforo. Na wobisaa No sɛ, "Owura da bɛn ne kwan bɛn so na wofa baa ha?" Yesu ambua won hwee. Na mmom ɔde Honhom mu nteaseɛ kyerɛkyerɛɛ won sɛdeɛ gyidie teɛ ase yiye, ɛfirisɛ na ɔpɛsɛ ɔtwe won a wɔwɔ akoma pa wɔ won mu no ba Ne dɔ kɛseɛ no mu, na ɔma ndaadaa a ɛwɔ atanfoɔ no mu no da ɛdi. Yesu ampɛ won a wɔyɛ motoromodwo no, ɛno nti oyii agyifoɔ no frii won a wonngye nni no mu ne won nyaatwom som no mu.

YOHANNE 6:26-27
26 Yesu bua see wɔn sɛ "Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, ɛnyɛ sɛ mohunuu nsɛnkyerɛnneɛ nti na mohwehwɛ me, na sɛ modii paanoo no bie na momeeɛ ntira. 27 Monnyɛ aduane a ɛsɛeɛ ho adwuma, na mmom aduane a ɛtena hɔ kɔ daa nkwa mu a Onipa Ba no de bɛma mo; na ɔno na Agya Nyankopɔn asɔ no ano."

Na Yesu bɔɔ nkurɔfokuo no nyinaa kɔkɔ sɛ: Ɛnyɛ ɔdɔ nti na morehwehwɛ Me, anaasɛ mopɛsɛ mobɛne Onyankopɔn nti; na mmom modwene moyɛfunu ho ne deɛ mobɛdi nti na morehwehwɛ me. Ɛfirisɛ munni nteaseɛ wɔ nsɛnkyerɛnne no ho, na Me botaeɛ no nnyɛ sɛ merebɛma mo paanoo ama mo amee wɔ mo kɔm mu, na mmom mepɛ ne sɛ mobɛhunu Me wɔ tumideyɛ mu. Na mohwehwɛ akyɛdeɛ no nanso mopo deɛ ɔma akyɛdeɛ no ankasa. Na modwendwene wiasesɛm ho nko, na mmom monngye Me Nyameyɛsu nni.

Monnyɛ adwuma den wɔ deɛ mobɛdi ne deɛ mobɛnom nti, na mmom mondwene Onyankopɔn tumi ahoɔden ho daa. Na monnyɛ mo ho te sɛ mboa a wɔwɔ hɔ na wodidi nko, na mmom mombɛne Onyankopɔn, a ɔyɛ Honhom no. Ɛfirisɛ ɔno na woayɛ krado sɛ ɔbɛma mo daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ no.

Yesu toaaso kyerɛkyerɛmu sɛ: Mebaa wiase yi mu sɛ, merebɛma mo Onyankopɔn akyɛdeɛ. Menyɛ honam ne mogya kɛkɛ. Na mmom Me ne Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɔde me ama mo sɛ nhyira. Onyankopɔn de Ne Honhom Kronkron no asɔ mano na ɔde me asi hɔ sɛ memma mo Honhom mu nkwa na memma mo nkenyan wɔ ɔsoro tumi mu.

Wɔ saa nkyerɛkyerɛ mu yi mu no Yesu kaa ahintasɛm kɛseɛ, sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ma obiara, na ɔma obiara didi mee na ɔdɔ obiara nso. Na ɔnnyɛ Onyankopɔn a ɛbufuo ahyɛ no ma na ɔhyɛ sɛ obiara nni mmra nsɛm no so ansana woama onipa nhyira. Na mmom ɔma ne nhyira so' apapafoɔ ne abɔnefoɔ nyinaa so, na ɔma awia pue nnipa nyinaa so a nyiyimu biara nni mu, mpo wɔ abosomsomfoɔ ne abususɛnkafoɔ nyinaa so. Onyankopɔn yɛ ɔdɔ, Na Kristo pɛɛsɛ ɔgye nkurɔfokuo no fri wiase ahoyadeɛ adwendwene mu, na ɔma won nyinaa nya Onyankopɔn Agya no mu gyidie. Ɛno nti osii so dua ka kyerɛɛ won sɛ Nahennie mmfiri wiase yi mu, na ɛnnyɛ ɛdidie ne ɔnom koraa, anaa ahoyadeɛ ne tumidie, na mmom honhom mu Ahennie a Onyankopɔn nkwa ahyɛ no ma, a ɔnam Kristo so de ama won, ɔno na ɔde Honhom Kronkron no ma obiara a ɔbɛbisa no no.

YOHANNE 6:28-29
28 ɛnna wɔsee no sɛ, "ɛdeɛn na yɛnyɛ na yɛayɛ Nyankopɔn nnwuma? 29 Yesu bua see wɔn sɛ: Yei ne Nyankopɔn adwuma, sɛ mobɛgye deɛ ɔsomaa no no adie."

Nkurɔfokuo no anntumi annte Yesu nkyerɛkyerɛ no ase yiye, nanso wohunuu sɛ ɔrema won akyɛdeɛ kɛseɛ a ɛfiri Onyankopɔn nkyen, na won nyinaa nyaa ɔpɛpa sɛ wobɛnya saa daa nkwa yi bi. Na wɔyɛɛ krado sɛ wɔbɛyɛ biribi ama won ɛtumi anya saa akyɛdeɛ no bi. Ɛno nti na wɔwɔ ɔpɛpa sɛ wobɛdi Mmra Nsɛm no so yiye, na won abɔ afɔreɛ nso, ne mmuadadie, ne mpaebɔ, ne akwantuo kronkron nso; na wɔnam won ndwuma nnyeyɛɛ mu asua Onyankopɔn akyɛdeɛ no. Na ɛyi mu na yɛhunu won anifuraeɛ no. Na won nyinaa de mmra akyekyere won ho, na wɔde won ankasa ahoɔden pre hwehwɛ trenee. Na won anntumi annhunu sɛ saa rennyɛ yiye, ɛfirisɛ afɔbuo da won so na won ayera nso. Na won deɛ wɔdwene sɛ wɔreyɛ Onyankopɔn adwuma, te sɛdeɛ wɔwɔ kronkronyɛ ne tumi bi a wɔde bɛyɛ saa. Onipa ani afura akosi sɛ mpo ontumi nnhunu sɛdeɛ nakoma teɛ ankasa mpo, nanso obu ne ho sɛ nyame - ketewaa, nanso ɔhwehwɛ sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani.

Yesu maa wohunuu sɛ won ndwuma ne won nneyɛɛ rentumi nnyɛ hwee mmoa won. Na mmom wɔfrɛɛ won sɛ wɔmbɛnante wɔ gyidie a ɛwɔ Ne mu no mu. Na Onyankopɔn nnhwehwɛ yɛn ankasa mmɔdenbɔ ne yɛn ahoɔden biara, na mmom ɔpɛsɛ yɛde yɛn ho ma Yesu na yɛnya ne mu gyidie ne awerɛhyem. Saa nsɛm yinom bɛyɛɛ sintiduato maa nkurɔfokuo no nyinaa; ɛno nti ɛmaa paapaemu baa won mu faa Yesu ho. Na Yesu toaaso maa won nkyerɛkyerɛmu sɛ Onyankopɔn adwuma ne sɛ won nyinaa bɛnya Ne mu gyidie. "Sɛ mobue mo akoma mu ne mo kra mu ma Honhom Kronkron no a, mobɛhunu me tumi, ne me botaeɛ ne me dɔ. Na moahunu sɛ menyɛ odiyifoɔ bi ara kɛkɛ, na mmom ɔbɔadeɛ ankasa, Ɔba no a Agya no somaa no baa mo nkyen no. na moasesa ɛfiri wiase adwene mu ɛbɛyɛ Onyankopɔn mma."

Yesu mu gyidie ne sɛ wɔde wo ho nyinaa bɛto No so, na woama ho kwan sɛ ondi woabrabɔ nyinaa so, na woama woadi woanim akwan nyinaa mu na woanya daa nkwa wɔ Ne tumi ahoɔden mu. Gyidie ne sɛ wode wo ho bɛbata Yesu ho wɔ mberɛ nyinaa koso daa a ɛnni ɛwieɛ. Na ɛyi yɛ Onyankopɔn nwuma, Ɔno na ɔtwe ogyidini no bata Ne Ba no ho, na ama bɔne nyinaa afiri won abrabɔ mu, na wɔn atena Ne mu daa a ɛnni ɛwieɛ.

YOHANNE 6:30-33
30 ɛnna wɔsee no sɛ, "ɛnneɛ nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na woreyɛ, na yɛahunu na yɛagye wo adie? ɛdeɛn na woreyɛ? 31 Yɛn agyanom dii mana ɛserɛ so, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ, 'ɔmaa wɔn paanoo firi soro' dii." 32 ɛnna Yesu see wɔn sɛ, "Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo paanoo a ɛfiri soro no, na mmom m'agya na ɔma mo nokorɛ paanoo a ɛfiri soro no. 33 Na Nyankopɔn paanoo ne deɛ ɔsiane firi soro ba na ɔma wiase nkwa no."

Nkurɔfokuo no buu Yesu sɛ ɔyɛ ahomasoɔ sɛ ɔkaa kyerɛɛ wɔn sɛ won nyinaa mbrɛ won ho ase mma Ne nsɛm no. Na wohnuu Yesu sɛ deɛ ɔreka kyerɛ won sɛ wonyɛ no, Onyankopɔn nkoaa na ɔwɔ ho kwan sɛ obɛtumi aka saa akyerɛ won. Ɛno nti wobisaa no sɛ tumi bɛn na ɔwɔ nti a ɔrehyɛ sɛ yɛnyɛ saa no. Te sɛdeɛ wɔreka sɛ, "Yi Wo Nyamesu ɛdi ma yɛnhunu, Moses maa agyanom no aboodoo diiɛ (Manna) wɔ serɛ no so, na wonyaa nkenyan daa. nanso wodeɛ woama yɛn aboodoo da koropɛ ɛdi. na Moses deɛ ɔmaa nnipa mpem mpem aboodoo diiɛ daa, na wo deɛ womaa nnipa mpem num pɛ. Yɛ nsɛnkyerɛ akɛseɛ ma yɛn hunu na ama yɛagye wo ɛdi." Ɛyi yɛ nnipa nyansa. Onipa anntumi ammfa ne ho annhyɛ Yesu dɔ tumi no ase wɔ ɔpɛpa mu, na mmom ɔhwehwɛɛ nsɛnkyerɛnne kane. Nanso Yesu kaa sɛ, "Nhyira ne won a won nnhunuuiɛ nanso won agye ɛdi. Saa nkurɔfoɔ no na wɔwɔ gyidie ne awerɛhyem wɔ me mu."

Yesu ne ɔkwankyerɛfoɔ kɛseɛ no, na Ɔno na otutu N'atiefoɔ anamon nkakra nkakra fri mmra nkyekyereɛ mu de won kɔ Ne mu gyidie mu. Na oyii nnipa firii aduane ho ahopepreɛ ne akonnɔ mu, na ɔmaa won Honhom mu nkenyan; na Ɔno ankasa ne Onyankopɔn akyɛdeɛ kɛseɛ no.

Na saa nkyerɛkyerɛmu yi nyinaa a Yesu de maa won faa Twerɛ Nsɛm no ho no, na ɛyɛ won sɛ Moses na ɛmaa won Manna no. Na mmom ɛyɛ Onyankopɔn, Ɔno na ɔnam ne nokorɛdie so yɛɛ saa maa won, Ɔno na ɔma adeɛ a ɛborosoɔ nyinaa. Na ɔde won baa faako asetra mu na ama won ɛtumi ahunu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn na ɔma won aboodoo krɔgyenn no ne ɔsoro aduane a ɛnnsɛe da no. Na sɛ wotie no yiye paa a wobɛhunu sɛ Yesu reka sɛ ɔno ne Onyankopɔn Ba no, ɛfirisɛ ɔfrɛ Onyankopɔn sɛ N'Agya. Nkurɔfokuo no, daso dwenee honam fam aduane ho, a ɛnam Moses so ɛfirii soro baeɛ no ho.

Yesu maa wohunuu sɛ Onyankopɔn aboodoo no nnyɛ deɛ onipa di kɔ ne yɛfunu mu, na mmom ɛyɛ Kristo nipadua a ɛma onipa mee wɔ nokorɛ no mu ɔkɔm ne daa nkwa mu. Na deɛ ɔde ma no afiri soro aba a Onyankopɔn tumi ne nhyira ahyɛ no ma. Onyankopɔn aboodoo no nnyɛ honam fam nnoɔma a ɛsɛe, na mmom Honhom mu adeɛ a ɛte hɔ daa. Na ɛmfifiri mfri fam te sɛdeɛ Manna no teɛ no, na mmom ɛfiri soro na ɛba, a ɛwɔ hɔ ma nnipa nyinaa wɔ awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa mu. Na ɛnnihɔ ma Abraham asefoɔ nkoaa. Ɛfirisɛ Onyankopɔn Agya no dɔ wiase nyinaa.

MPAEBƆ: Awurade Yesu, Gye yɛn firi pɛsɛmenkomenya ndwuma mu. na ma yɛn ahobrɛaaseɛ wɔ gyidie mu, na ama yɛatumi atie deɛ wopɛsɛ yɛyɛ nyinaa, na ma wo tumi no nnyɛ adwuma wɔ yɛn mu. Twe yɛn bra wo mu'die ayɔnkofa nyinaa mu. Na ma wo Honhom no mmee yɛn kra. Na ma wo daa nkwa no nhyɛ yɛn ma. Yɛda wo ase, Agya, sɛ wɔbaa yɛn nkyen, na woama yɛn tumi ne nhyira.

NSƐMBISA:

  1. Kwan bɛn so na Yesu de yii nhurɔfokuo no adwene firii aboodoo ho akonnɔ ne ɔpɛ mu de baa Ɔno ankasa Ne mu gyidie so?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 02, 2022, at 02:26 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)