Home
Links
Bible Versions
Contact
About us
Impressum
Site Map


WoL AUDIO
WoL CHILDREN


Bible Treasures
Doctrines of Bible
Key Bible Verses


Afrikaans
አማርኛ
عربي
Azərbaycanca
Bahasa Indones.
Basa Jawa
Basa Sunda
Baoulé
বাংলা
Български
Cebuano
Dagbani
Dan
Dioula
Deutsch
Ελληνικά
English
Ewe
Español
فارسی
Français
Gjuha shqipe
հայերեն
한국어
Hausa/هَوُسَا
עברית
हिन्दी
Igbo
ქართული
Kirundi
Kiswahili
Кыргызча
Lingála
മലയാളം
Mëranaw
မြန်မာဘာသာ
नेपाली
日本語
O‘zbek
Peul
Polski
Português
Русский
Srpski/Српски
Soomaaliga
தமிழ்
తెలుగు
ไทย
Tiếng Việt
Türkçe
Twi
Українська
اردو
Uyghur/ئۇيغۇرچه
Wolof
ייִדיש
Yorùbá
中文


ગુજરાતી
Latina
Magyar
Norsk

Home -- Twi -- John - 003 (The word before incarnation)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
A - Onyankopɔn Asɛm A Ɛdaa Ɛdi Wɔ Yesu Kristo Nipasu Mu (Yohanne 1:1-18)

1. Asɛm no dwumadie ne botaeɛ annsa na ɛbɛyɛɛ nipasu (Yohanne 1:1-5)


YOHANNE 1:2-4
2 ɔno ara na mfitiaseɛ no na ɔne Onyankopɔn wɔ hɔ. 3 ɛnam ne so na wɔyɛɛ nnoɔma nyinaa, na wɔankwati no anyɛ biribiara a wɔyɛeɛ. 4 Ne mu na nkwa wɔ, na nkwa no ne nnipa hann;

Kristo ambɔ ne bra sɛ ɔno ara de Ne ho, na mmom ɔbɔɔ Ne bra sɛ ɔte ase ma Onyankopɔn da biara. Na woante ne ho ammfiri Na'Agya no nkyen dabiara da, Na mmom da biara no ɔnante wɔ Na'Agya no akwankyerɛ mu, na ɔte ne nkyen daa, na ɛfei nso ɔte ne mu. Na saa anamontuo a Kristo ne "na'Agya no tuiɛ no" yɛ adehiadeɛ ne ade titiri ma ɔsɛmpakani Yohanne na ɔmaa nkyerɛkyerɛmu mprennu wɔ na'sɛmpa nwoma no mfitiaseɛ mu. Na saa nkabom yi a ɛwɔ Kristo ne Na'Agya no ntam no a ɛte hɔ daa no ne Onyankopɔn Baasa Koro no ahintasɛm. Na yɛnni gyedie wɔ onyanme a wɔ yɛ baasa na obiara de ne ho, na won mu atete, na mmom yɛgyedi sɛ Onyankopɔn yɛ baakopɛ, a ɔdɔ ahyɛ no ma. Nanso Otumfoɔ no a ɔte hɔ daa no nnyɛ ankonam, na mmom Ne Ba no ka no ho daa, na ɔne no na ɛteɛ wɔ nokorɛdie nkabom mu. Na sɛ obi nnnya hunuu Onyankopɔn dɔ a ɛfiri Honhom Kronkron asubɔ mu ba wɔ nakoma mu a, onntumi nnya nteaseɛ nnhunu nokorɛ a ɛwɔ Onyankopɔn mu no da. Onyankopɔn dɔ no na ɛma Baasa Koro no nkabom a ɛyɛ Agya no, Ɔba no, ne Honhom Kronkron no, sɛ Onyankopɔn Koro.

Na Onyankopɔn bɔɔ wiase nyinaa mfitiaseɛ no, ɛnnyɛ ɔno nko na ɔyɛeɛ wɔ koomyɛ mu, na mmom ɔde nnoɔma nyinaa baeɛ wɔ Na'sɛm no mu. Na Kristo no ne Onyankopɔn asɛm no, na wɔnam no so na wɔyɛɛ wiase nyinaa. Na ɛyi kyerɛ sɛ Kristo nnyɛ agyenkwa nko, ne odimafo nko, ne ɔgyefoɔ nko, na mmom ɔyɛ ɔbɔadeɛ. Ɛfirisɛ biribiara baeɛ wɔ Kristo mu na ɔno na ɔbɔeɛ, na ɔno na odi adeɛ nyinaa so. Ooh hwan na ɔbɛnya nyansa akoma na woatumi ahunu onipa ko a Kristo yɛ! Abɛɛfo adesuadeɛ ne nhunumu nyinaa ne nnoɔma ahorrow nyinaa yɛ ɔkwa na mmom saa adeɛ no nyinaa yɛ susukyerɛ adeɛ a ɛyɛ Kristo no annuoyam ne Ne tumi. Wo nne, ne wo mu adeɛ, wo nipadua, ne woakoma a ɛbɔ nyinaa ne deɛ a ɛka ho nyinaa yɛ akyɛdeɛ a Kristo no dɛ ama yɛn. Ɛno nti da bɛn na wobɛdano ase?

Wɔbɔɔ nnoɔma nyinaa, agyesɛ Onyankopɔn, ne Na'sɛm, ne Ne'Honhom. Na ɔno ara ne ɔno ara, na ɔtease daa, ɔwɔ hɔ daa na ɔyɛ Ɔkronkronni. Sɛdeɛ Onyankopɔn wɔ nkwa wɔ ne mu no, saa ara nso na Kristo no yɛ nokorɛ nkwa asubonten, ɔno na ɔyɛ ɔnokwafoɔ a ɔma nkenyan, ɔno na oyane yɛn firi owuo afɔbuo ne bɔne mu, na ɔde yɛn sii ne nkwagyeɛ tumi mu. Na saa Onyankopɔn nkwa a ɛwɔ Kristo mu no na ɛdi owuo so. Na ɔnam ne nkwa no so sɔre firii awuo amona mu. Kristo no nko ne ɔbɔadeɛ no, na ɔno ara ne ɔno ara, na ɔno ne nkwa asubonten no. Na ɔno nso ne Ɔkronkronni no, na ɔno deɛ ɔrenwu da. Na bɔne biara nni Onyankopɔn mu anaa Ne Ba no mu koraa, na mmom ɔte ase kosi daa. Na yɛhunu nsɛm a ɛfa Kristo abrabɔ ho a Yohanne kaa ho asɛm mpren bebree wɔ na'sɛmpa no mu. Na saa abrabɔ no ne Ne fapem kɛseɛ wɔ na'namontuo a otutuiɛ wɔ asaase so.

Awia kanea ma yɛn nkwa wɔ asaase yi so. Saa ara nso na wɔ Kristo mu no ɛyɛ nokorɛ: Ne Nkwa no mu na yɛn nyinaa yɛnya yɛn ahome ne nkenyan wɔ abrabɔ nyinaa mu na ne mu na yɛnya yɛn anidasoɔ. Na yɛn som no nnyɛ ɔsom a ɛyɛ mmra a ɛde owuo ne atɛnbuo brɛ yɛn, na mmom ɛyɛ nkwagyeɛ nsɛm ne kanea a ɛhyeren ne anidasoɔ. Yesu Kristo wusɔreɛ tumi no atwa awerehoɔ ne afɔbuo biara mu koraa afiri yɛn so. Na ɛfei Honhom Kronkron a ɔbɛtenaa yɛn mu no ama yɛn nsoyɛayɛ adedifoɔ fafafoɔ wɔ Onyankopɔn nkwa no mu bi.

Wiase yi mu yɛ sum kabii asene bɔne nti, nanso Kristo yɛ ɔdɔ wɔ kanea kɛseɛ mu. Na ɛsum biara nni ne mu, anaa amumuyɛ anaa bɔne biara nni ne mu. Ɛyi nti, annuoyam ahyɛ no ma. Na ɔhyeren sene kanea biara a ɛwɔ wiase yi mu. Ne nyinaa mu no, Yohanne Ɔsɛmpakani no annka Kristo annuoyam a ɛhyeren no ho asɛm ɛdikan, na mmom ɔkaa Ne tumi ahoɔden ne Ne nkwa a ɔwɔ. Na Kristo Kronkronyɛ ho nimdeɛ no ma yɛada ɛdi soronko, na ɛbu yɛn atɛn nso. Na ɛfei Ne'nkwa no ho nimdeɛ ne suahunu no nso ma yɛn daa nkwa nkenyan. Na sɛ yɛdwendwene Krist ho a ɛma yɛn awerekyekye na ɛfei ɛma yɛn kra abotɔyam wɔ nokorɛ mu.

Yesu ne nipa nyinaa kanea a ɛhyeren. Na ɔnnhyeren mma ɔno ankasa ho, na ɛfei nso ɔno ankasa nnhyɛ ne din no annuoyam. Na mmom, Yɛn nti na ɔhyeren. Na ɛnnyɛ yɛn ne kanea no, na mmom yɛn deɛ ɛsum na akata yɛn so. Nnipa nyinaa yɛ adebɔneyɛfoɔ, na mmom Kristo na obue yɛn ani sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛbɛtumi ahunu no yiye na yɛatumi ahunu yɛn sum ginabea. Wɔ Na'Asɛmpa no mu no, na yɛasɔre afiri owuo mu akɔ daa nkwa mu. Kristo na ɔdanne yɛn na ɔfrɛ yɛn wɔ Ne nkwa kanea no mu sɛ yɛbɛfiri yɛn domumfa abrabɔ no mu. Ɛno nti yɛde akokoduro na ɛkɔ na'nim daa.

MPAEBƆ: Oh Awurade Yesu, yɛkoto sɔre wo ɛfirisɛ wo ne Agya No ne Honhom Kronkron no yɛ baako. Wɔbɔɔ wiase wɔ nokorɛdie mu wɔ Agya no mu. Womaa me nkwa. Fa ɛsum a ɛwɔ ma'brabɔ mu nyinaa kyɛ me na bue mani wɔ Honhom Kronkron tumi mu na matumi atena wo mu na boa me na menngyae me sum mu ndwuma bɔne no nyinaa na matumi aba wo kanea a ɛyɛ daa nkwa no mu.

NSƐMBISA:

  1. Nnoɔma soronko nsonsonoeɛ 6 bɛn na ɛfa Kristo ho a Yohanne daa no ɛdi wɔ na'sɛmpa no mfitiaseɛ mu?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:07 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)