Home
Links
Bible Versions
Contact
About us
Impressum
Site Map


WoL AUDIO
WoL CHILDREN


Bible Treasures
Doctrines of Bible
Key Bible Verses


Afrikaans
አማርኛ
عربي
Azərbaycanca
Bahasa Indones.
Basa Jawa
Basa Sunda
Baoulé
বাংলা
Български
Cebuano
Dagbani
Dan
Dioula
Deutsch
Ελληνικά
English
Ewe
Español
فارسی
Français
Gjuha shqipe
հայերեն
한국어
Hausa/هَوُسَا
עברית
हिन्दी
Igbo
ქართული
Kirundi
Kiswahili
Кыргызча
Lingála
മലയാളം
Mëranaw
မြန်မာဘာသာ
नेपाली
日本語
O‘zbek
Peul
Polski
Português
Русский
Srpski/Српски
Soomaaliga
தமிழ்
తెలుగు
ไทย
Tiếng Việt
Türkçe
Twi
Українська
اردو
Uyghur/ئۇيغۇرچه
Wolof
ייִדיש
Yorùbá
中文


ગુજરાતી
Latina
Magyar
Norsk

Home -- Twi -- John - 120 (Jesus appears to the disciples)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 4 - KANEA HYAN NO DII ƐSUM NO SO NKUNIM (Yohanne 18:1 – 21:25)
B - Kristo Wusɔreɛ Ne Nahoyie A Oyi Kyerɛɛeɛ (Yohanne 20:1 - 21:25)

2. Yesu yii Ne ho ɛdi kyerɛɛ asuafoɔ no wɔ abansoro no so (Yohanne 20:19-23)


YOHANNE 20:20
20 Na ɔkaa saa no, ɔde ne nsa ne ne mfe mu kyerɛɛ wɔn. Na asuafoɔ no hunuu Awurade no, wɔn ani gyeeɛ.

Kristo wusɔreɛ no na ɛdi adanseɛ sɛ yɛne Onyankopɔn anya nkabom a ɛdimu'. Onyankopɔn anngya Ne Ba no wɔ owuo amona mu, anaasɛ ɔtoo No kyeneeɛ ɛsane yɛn bɔne a ɛkɔdaa No soɔ nti. Na mmom ɔgyee afɔrebɔ a ɛfi ne nkekaeɛ biara nni ho no toomu, na ɔmaa No dii owuo so nkunim, na Ɔne Agya no kɔtenaeɛ wɔ biakoyɛ mu. Na Ɔno ankasa, nso, gyee asɛndua no toomu, na ɔyɛɛ Agya no apɛdeɛ nyinaa. Na ɛyɛ asɛndua no nti na ɔbaeɛ, na ɛno ne kwan a ɔfaa soɔ de gyee wiase nyinaa. Ɛno nti adɛn nti na ɛbinom tumi ka sɛ Yesu annwu wɔ asɛndua noso?

Kristo kyerɛɛ won sɛ ɔnnyɛ ɔsaman anaasɛ honhom bi. Na ɔde Ne nsam dadewa a wɔde bobɔɔ No no kyerɛɛ won. Na oyii Ne mfemu piaw a wɔde wɔɔ No no nso kyerɛɛ won. Na wohunuu Ne nsam ne Ne nanmu ndadewa ahorroɔ nyinaa a wɔde bobɔɔ No no na wohunuu sɛ ɛyɛ Ɔno ankasa na ɔne won wɔhɔ no na ɛnnyɛ honhom soronko bi, na mmom deɛ wɔbɔɔ No asɛndua mu no ankasa. Onyankopɔn Adwammaa no ɛdi nkunim. Na deɛ wokum No no ɛdi owuo so nkunim.

Na nkakra nkakra no, asuafoɔ no bɛhunuu sɛ Yesu nnyɛ honhom foforo bi, na mmom ɛyɛ Ɔno ankasa na woaba won nkyen wɔ nipadua ankasa mu. Na Ne wusɔreɛ nipadua a ɔde baa won nkyen no ne won anigyie fapem. Na ɛyɛ yɛn nso yiedie sɛ yɛbɛgye ɛdie sɛ Yesu ne Awurade no, a woasɔre afri awufoɔ mu. Na ɛfei yɛnyɛ ngyanka na yɛnyɛ mmɔbɔ nso. Na mmom yɛn Nua-Barima no ne Agya No na ɛwɔ hɔ ne Honhom Kronkron a odi wiase nyinaa so kosi daa a ɛnni ɛwieɛ.

Na asuafoɔ no anigyie yɛɛ kɛseɛ yie sɛ Yesu ɛdi owuo so nkunim. Na fri saa berɛ no bɛsi nnɛ no, Ɔno ne yɛn anidasoɔ a ɛte ase na ɛdimu', yɛn a anka yɛayera no. Ne wusɔreɛ no ne yɛn kunimdie, na Ne nkwa no nso yɛ yɛn dea. Sɛdeɛ ɔkaeɛ sɛ, “Mene Owusɔreɛ ne nkwa no. Na obiara a ɔbɛgye Me ɛdie no, sɛ woawu mpo a, ɔbɛnya nkwa, na ɔrennwu ara da.”

Na asuafoɔ no hunuu sɛ Yesu de yɛn bɔne nyinaa akyɛ yɛn no, won anigyie yɛɛ kɛseɛ mmorosoɔ. Na ɔhyɛɛ yɛn bɔ sɛ woabɔ afɔreɛ ama yɛn bɔne fakyɛ. Ɛno nti yɛne Onyankopɔn ntam aba asomdwee wɔ Ne mbaa ntape no mu.

So wo nso wone won anigye wɔ Easter mberɛ mu anaa? So wobɔ wo mu ase ma Ɔkronkronni a ɔsɔree frii owuo mu no, ɛfirisɛ ɔwɔ hɔ, na ɔma wo anidasoɔ ne bɔne fakyɛ nso? Yesu tease daa, na Ne mu anigyie yɛ yɛn dea. Ɛno nti, ɔsomafo Poulo ka kyerɛɛ Asɔre no sɛ, “Momma mo ani ngye wɔ Awurade mu daa, na Mese mo bio sɛ momma mo ani ngye. Na momma mo dwoɔ nnda ɛdi nkyerɛ nnipa nyinaa. Awurade abɛn.”

MPAEƐBƆ: Awurade Yesu, yɛma woso da wo ase, ɛfirisɛ wo nko ne yɛn anidasoɔ a woama yɛn abrabɔ mu nteaseɛ. Wo mbaa ntape no ama yɛn bembuo na wo wo nipadua nso ama yɛn nkwa. Ma w'Ahennie mbra, na yɛnhunu wo nkunimdie daa, na ama nnipa pii asɔre afri bɔne mu owuo mu na won atena ase wɔ wo Wusɔreɛ no mu annuoyam mu.

NSƐMBISA:

  1. Na adɛn nti na asuafoɔ no ani gyieeɛ?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 05, 2022, at 09:32 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)