Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":

Home -- Twi -- John - 104 (Jesus intercedes for the church's unity)

This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
E - Yesu Bɔɔ Odima Mpaebɔ (Yohanne 17:1-26)

4. Yosu bɔɔ odima mpaebɔ maa Asɔre no nkabom (Yohanne 17:20-26)


YOHANNE 17:20-21
20 Na ɛnyɛ yeinom nkutoo nti na mesrɛ, na wɔn a wɔnam wɔn asɛm so bɛgye me adie nso nti, 21 sɛ wɔn nyinaa nyɛ baako, sɛdeɛ wo, Agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu; sɛ wɔn nso nyɛ baako wɔ yɛn mu, na wiase nnye nni sɛ wo na wosomaa me.

Kristo de N'asuafoɔ no hyɛɛ Onyankopɔn dɔ ne ne Honhom no tuimi ase, na Ɔsrɛɛ Agya no sɛ ɔngye wɔn mfiri ɔbɔnefoɔ no nsam, na Ɔde Asɛmpa no tee wɔn ho ansaana wɔbɔɔ no asanua mu. Afei Ɔhunuu sɛ N'agya atie ne mpaebɔ a Ɔbɔ maa Asomafoɔ no ne asafokuo no, Ɔhwɛ hunuu nnnipa bebree a wɔnam Asomafoɔ no anom nsɛm so abɛyɛ agyidifoɔ. Asɛnnua ho mfoni no kyerɛ nkunimdie a Y'adi wɔ ɔbonsam ne ne bɔne so. Ɛnam wo gyidie a woanya kristo mu nti, Honhom Kronkron no bɛsane woakoma mu, na wo ne no akyɛ adom a ɛdekɔ daa nkwa mu. Na ɛnam wɔn gyidie nti, wɔ ne Agya ne Ɔba no bɛnyaa ayɔnkofa a ɛnni aweieɛ.

Kristo bɔɔ mpaeɛ maa dodoɔ a wɔnam Asomafoɔ no so bɛyɛ agyidifoɔ no, anwanwasɛm ne sɛ, berɛ a Kristo bɔɔ mpaeɛ no na wɔnnya nnhunuu saa agyidifoɔ yi. Nanom asɛm no kyerɛɛ gyidie sonoko a ɔnyaa wɔ Asomafoɔ no mu. Ɛnti na deɛn na Ɔrepɛ ama yɛn? Ɔbɔɔ mpaeɛ maa Yɛapomuden anaa? Yɛn yei yɔ anaa Yɛn nkunimdie? Daadi! Mmom ɔbisaa Agya no sɛ ɔmma yɛn ahobreaseɛ ne ɔdɔ na y'atumi ne agyidifoɔ nyinaa atena nokorɛdie mu. Mommma yɛnnhu sɛ yɛyɛ sonoko kyɛn afoforɔ anaa wɔn abrabɔ sɛ ɛyɛ hunu.

Agyidifoɔ nyinaa nkabom ne Kristo botaeɛ, ne saa nti asafo a ɛmu atete ne Kristo nhyehyɛɛeɛ bɔ abira. Nanso saa nkabom a Kristo hwehwɛ akyiri kwan yi nntumi ngyina ɔsɛnkafoɔ nhyehyɛɛ so, na mmom honhom mu baakoyɛ ne mpaeɛbɔ a ɛnam honhom so kyɛne adeɛ nyinaa. Ɛfiri Onyankopɔn no ara yɛ baako, ɛnti Kristo ne N'agya kasaeɛ sɛ ɔmfa agyidifoɔ nyinaa mmra Honhom Kronkron som mu na obiara anya ne mu banbɔ sonoko. Yei nyinaa mu no kristo ammɔ mpaeɛ sɛ, “Na wɔnyinaa ayɛ baako wɔ me mu anaa wo mu”, na mmom “Wɔ yɛn mu”. ƐNti yei kyerɛ nkabom wɔ Agya ne Ɔba no Honhom Kronkron mu. Na ɔpɛɛ sɛ anka ɔde wo ba ne tebea mu, ɛfiri sɛ, Nyamesom akyiri no, biribiara nni hɔ bio sɛ ɛseɛ.

Botaeɛ a nti a ɛsɛ sɛ yɛne Onyankopɔn nya ayɔnkofa ne nkabom no nnkyerɛ yɛn honhom fa mu ahohoahoa, mmom sɛ yɛbɛdi ho adanseɛ akyerɛ afoforɔ, a wɔnnyaa nnhunuu Onyankopɔn. Na yɛwɔ anidaasoɔ sɛ, wɔbɛhunu sɛ wɔnam wɔnbɔne ne wɔn ahomasoɔ mu awuwu, na woadane nkoa ama wiase dɔ, na woatumi asakyera afiri bɔne mu aba agyenkwan no nkyɛn. Wo a wosufrɛ Agya Ɔba ne Honhom Kronkron no bɛnya ahoɔden, ɔdwoɔ, ɔdɔ ne honhom mu fahodie de adɔ agyidifoɔ, wɔ anigyeeɛ mu na wo ne wɔn abom mu adi Kristo dɔ ho adanseɛ. Ɛfiri sɛ yɛn nyinaa yɛ Yesu nipasu ho adansefoɔ. Sɛ anka akristofɔ nyinaa dii nokorɛ a, anka yɛrennya deɛ nngye ndi baako mpo wɔ wiase. Ɛfiri sɛ wɔnam wɔndɔ ne wɔn asomdwoeɛ so bɛtwe wɔn nyinaa aba Kristo mu. Ɛnti momma yɛntie Yesu ne pɛ ne N'ayɔnkofa no. So wo pɛɛ sɛ ɛnam wo so de nkyekyɛmu ba asafo no mu, te sɛdeɛ na Kristo nipadua mu akyekyɛ anaa!

YOHANNE 17:22-23
22 Na mede animuonyam a wode ama me no mama wɔn, sɛ wɔnyɛ baako, sɛdeɛ yɛyɛ baako no. 23 Mewɔ wɔn mu, na wowɔ me mu, na wɔawie pɛyɛ baakoyɛ mu, na wiase ahunu sɛ, wo na wosomaa me, na wodɔ wɔn sɛdeɛ wodɔ me no.

Deɛn ne Yesu anuonyam? ɛyɛ n'ahoɔden anaa ne ne tumi mu hann? N'anuonyam no yɛ N'ahobreaseɛ, odwoɔ ne ne pɛpɛɛpɛ yɛ mu. N'anuonyam no yɛ Honhom Kronkron no aba. Na ɛno na Yohane huueɛ dii ho adanseɛ sɛ, “ampa Y'ahunu N'anuonyam no.” Na ɛnnyɛ ne wusɔreɛ na ɔrekasa afa ho na mmom ne tumi a ɛwɔ asɛnnua no soɔ no. Yei nti, N'anuonyam ne ne dɔ ayi ne ho adi pefee, wɔ berɛ a Ɔba no gyaa N'anuonyam too hɔ faa nnipa tebea too no ho soɔ no. Ɛnti Yesu ahweei saa anuonyam yi agu yɛn so. Ɛfiri sɛ Agya ne Ɔba no Honhom aba yɛn so.

Botaeɛ nti a Y'anya saa nkutahodie yi nnyɛ ahohoahoa na mmom sɛ yɛde yɛn ho bɛma na Y'ayɛ baako wɔ ɔsom adwuma mu ntira. Na Y'atumi adɔ afoforɔ nso. Yei nti na Yesu bisaa Agya no wɔ ade korɔ no ara ho a ɛkyerɛ ayɔnkofa a ɛda yɛne Honhom Kronkron ntam, na akyerɛ yɛn ne su. Onyankopɔn dɔ no da adi wɔ asafo no nsɔhwɛ mu. na ɛno na ɛno na ɛde yɛn kɔ daa nkwa mu.

Nokorɛ Onyankopɔn te N'asafo mu (Ɛfeso 1:23; Kolesefoɔ 2:9). Anaa wo nni ahokeka a wobɛtumi de aka saa nsɛm yi, “Na yɛ wie pɛ yɛ wɔ ne nnipa su m” Ne saa nti, Asomafoɔ no adnsedie no kyerɛ sɛ Onyankopɔn tiee ne ba no mpaeɛbɔ ansaana ɔrewuo. Yei nti Yeyi ne din no ayɛ, ɛfiri sɛ W'anngyaeɛ yɛn ɛnam yɛn bɔne nyinaa akyi, mmom W'ate yɛn ho ayɛ yɛn kronkron de yɛn abata ne ho na Y'anya daa nkwa ɛwɔ ne mu.

Yesu hunuu wɔ yɛn mu sɛ yɛbɛyɛ pɛ wɔ ɔdɔ ne ahobrɛaseɛ mu. Ɛno nti momma yɛmfa ɔdɔ ne nidie ndodɔ yɛn ho yɛn ho. Na mmom ɛnnyɛ ahoyadeɛ ne ahoɔden, ne nyansa, mu pɛyɛ, na mmom no ahunumɔboro ne ɔdɔ ne ayɛmyie na ɛsɛ sɛ ɛba yɛn mu. Na ɔde ayemhyehyeɛ ne aboterɛ yɛɛ Ne botaeɛ kaa sɛ, “Monyɛ pɛ tesɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ soro no yɛ pɛ no.” Na Ne mmra no nyinaa tɔfabɔ ne sɛ dɔ woatanfo nso. Na wɔ Ne dima mpaebɔ mu no ɔsrɛ maa yɛn sɛ yɛbɛkɔ yɛnim wɔ pɛyɛ mu, na Asɔre no anya honhom mu baakoyɛ wɔ Onyankopɔn mu. Na Honhom no mmma yɛn kwan sɛ yɛbɛyɛ ankonam, na mmom ɔde yɛn kɔ ahoteefoɔ nhyiamudie ne ayɔnkofa mu. Nyankopɔn Baasa Koro no nkabom no ne yɛn nhwɛsoɔ. Na yɛn nntumi nnyɛ Onyankopɔn anaamusifoɔ wɔ wiase yi mu, agyesɛ yɛyɛ baako. Sɛ ankorɛ ankorɛ a yɛyɛ Onyankopɔn suban ne Ne sɛso wɔ Apam Dada, saa ara nso ɛsɛ sɛ Asɔre no nso kyerɛ sɛ won anya Nyankopɔn Baasa Koro no Kronkronyɛ suban no bi.

Sɛ asomdwoeɛ wɔ asafo no mu a, ɛma wiasefoɔ hunu sɛ yɛfiri Onyankopɔn ampa. Na ɛno ma wɔhunu sɛ Onyankopɔn yɛ ɔdɔ. Ɛfiri sɛ, ɛnnyɛ nsɛm akɛseɛ na ɛma wɔgyedie, na mmom anigyeɛ ɛwɔ Nyamesom mu na ɛdi adansɛ na ɛnnyɛ asɛm tenten. So Honhom Kronkron no kaa Yɛrusalem asafo no boo mu yɛ Honhom baako mu.

MPAEƐBƆ: Yɛda woase Awurade Yesu, sɛ woakyerɛ yɛn wo mu gyidie. Na woayi yɛn sɛ yɛnni wo dɔ ho adanseɛ. Yɛsɔre wo, ɛfiri sɛ, woate yɛn ho ahyɛ yɛn ma ma yɛasɛ wo Honhom mu. Ma wo Honhom ne wodɔ nhyɛ yɛn ma. Na yɛyi wo ayɛ kanfo wo din, na yɛsrɛ sɛ ma yɛn tumi na y'atumi atena asafo no mu wɔ baakoyɛ mu

NSƐMBISA:

  1. Ɛdeɛbɛn ne abisadeɛ soronko a Yesu srɛɛ firii N'Agya no nkyen maa yɛn mfasoɔ?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 04, 2022, at 05:03 PM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)