Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 053 (Disparate views on Jesus)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
C - Yesu Akwantuo A Ɛtwatoɔ A Ɔkɔɔ Yerusalem (Yohanne 7:1 - 11:54) Ɛsum No Firii Hyan No Mu Kɔɔeɛ
1. Yesu anom nsɛm a ɔkaaeɛ wɔ ntɔmadan afahyɛ no mu (Yohanne 7:1 – 8:59)

b) Deɛ nkurɔfokuo no ne bɛdwakuo no ka ne won adwenkyerɛ a ɛfa Yesu ho (Yohanne 7:14-53)


YOHANNE 7:45-49
45 ɛnna asomfo no baa asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no nkyɛn, na wɔbɛbisaa wɔn sɛ, "Adɛn nti na moamfa no amma?" 46 Asomfo no buaa sɛ, "Onipa biara nkasaa sɛ onipa yi da!" 47 ɛnna Farisifoɔ no buaa wɔn sɛ, "Wɔadaadaa mo nso? 48 Mpanimfoɔ anaa Farisifoɔ no mu bi agye no adi anaa?"

Bere a na Yesu gu so rekyerɛkyerɛ nnipakuo no wɔ hyiadan no mu no, fariseefoɔ no twaa no ho hyiaeɛ a na wɔrehwɛ sɛ asomfoɔ no bɛkyere Yesu de no abrɛ wɔn. Wɔbobɔɔ asɔfoɔ mpanyinfoɔ dodoɔ no din, na ɛwom sɛ ɔsofo panyin na ɔhwɛ hɔ wɔ saa berɛ no. Nanso na Roman asraafoɔ no bɛpamo saa asɔfoɔ mpanyinfoɔ no bere ano bere ano mu. Ɛno nti na asofoɔ mpanyinfo ahorroɔ bebree wɔ hɔ a Romanfo no pamo won wɔ Yesu mberɛ no mu, na bibiara a ɛwɔ hɔ no yɛ asofo panyim no abusuakuo deɛ. Saa mmarima yi yɛ saduseefoɔ a won nso wɔ ho kwan sɛ wɔbɛka won adwenkyerɛ, na wɔnni ahummɔborɔ ma obiara a ɔbɛfom fariseefoɔ mmra no.

Fariseefoɔ no ne asofoɔ mpanyinfo no tenaa ase wɔ twabɔ no ase. Na ɛnam sɛ wɔyɛ mmra animdifoɔ nti wɔbuu Greekfoɔ nimdeɛ no abonfiaa na wɔpooɛ, na wɔyɛɛ mmra no wɔn gyedie fapem ne wɔn fekuo nnwuma mu. Na wɔpirim wɔn akoma, wɔde nidie ma Onyankopɔn wɔ wɔn ara apɛdeɛ ne wɔn hyehyeɛ mu.

Na Fariseefoɔ no ne Sedduseefoɔ no nyinaa bufuiɛ sɛ won ɛntumi ankyere Yesu ankɔto ɛfiase. N'asuafoɔ no mpo ambɔ no ho ban, na nnipakuo no nso ambɔ ne ho ban, nanso n'anom nsɛm maa wɔn nyinaa ho dwirii won, ɛno nti woantumi mpo amfa won nsa annka no sɛ wɔbɛkyere no, afirisɛ na wɔnnim yiye paa sɛ Onyankopɔn tumi na ɛreyɛ adwuma wɔ no mu.

Na ɛno mu no Fariseefoɔ no maa won nne so tiaa hyiadan no mu awɛnfoɔ no sɛ "Mo nso mo ka saa ɔdaadaafoɔ yi ho anaa? Na dwabɔ yi mu anuoyamfoɔ no mu biara nnya ne mu gyidie. Na wɔkaa sɛ ɔgyidini papa biaraa a ɔtew ne ho no rendi saa Galileeni yi ɛkyi."

Nnipa dodoɔ no ara nyaa ɔdɔ ma Yesu deɛ, nanso na wɔyɛ mpapahwekwaa a wɔbu wɔn animtia wɔ wɔn bɔne ne nneyɛɛ ne amumuyɛ mu. Nanso ɔne deɛ ɔne wɔn nyinaa bɔɔ mu didiiɛ wɔ apontoɔ ase. Nanso ahoteefo a wɔwɔ hɔ no buu wɔn animtia na wobu won sɛ nnipa a nnome da wɔn so. Wɔhwɛ wɔn wɔ mmra no susudua mu. Na wɔhunu sɛ wɔn a wɔabu wɔn atimtia no mu pii dii Yesu akyi. Na ɛbinom kaa wɔn bɔne kyerɛɛ Yohanne Osubɔni no. Ɛyi nti mpanyinfo a wɔdi wɔn soɔ no nyaa ɔtan maa nnipakuo no mu bebree, na wɔankae mpo sɛ wɔn nyinaa ka kasa baako ne amammerɛ baako mu. Na nnipakuo no nyinaa ka wɔn ho boomu ɛkuo kuo wɔ basabasayɛ a ɛbaa won mu a ɛde mpaapaemu mu won mu no mu.

YOHANNE 7:50-53
50 Nikodemo a ɔbaa ne nkyɛn da bi a ɔyɛ wɔn mu baako no see wɔn sɛ, 51 "Yɛn mmara ntiee onipa na ɛnhunuu deɛ ɔyɛeɛ ansa a, ɛbu no atɛn?" 52 Wɔbua see no sɛ, "Dabrɛ wo nso wofiri Galilea? Hwehwɛ mu, na wobɛhunu sɛ odiyifoɔ nsɔree wɔ Galilea pɛn."

Na won mu nipa baa a na ɔwɔ hɔ no ho teetee no bɛdwakuo no nhyiamudie no mu. Saa nipa no din de Nikodemo, a ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo bi wɔ kokoam mu. Na Yesu Kristo kyerɛɛ no hia a ɛhia sɛ ɔnya awo foforɔ. Saa ɔbarima yi kɔɔ so ara dwenee nsɛm a Yesu kakyerɛɛ no ho, na ɔpɛɛ sɛ ɔda dwene ho ma ɔno ara ne mfasoɔ, na ɔman no mufoɔ no anka sɛ w'akɔnya Yesu hɔ adom ne nkyerɛkyerɛ no bi. Na ɔfaa ne nsɛm no bi firii mmra a ɛwɔ asɛmdibea hɔ, a ɛpo atɛmmuo a wɔde bu bi wɔ berɛ a onni hɔ.

Na asɛmdifoɔ no seree saa ɔbarima yi wɔ wɔn ahonim mu. Sɛ wɔn nyinaa gye tomu saa mpo a ɛbɛyɛ kɛseɛ sɛ wɔbɛbu wɔn a wɔdibem no asɛntia wɔ nnaadaa akwan so. Na agyinatufoɔ no nyaa atinka bi a ɛdi adanseɛ sɛ Yesu yɛ ɔdifoɔ trofoɔ ɛfisɛ ɔyɛ Galilea ni, na jewfoɔ no buu no animtia ɛfisɛ woandi wɔn mmra no so. Na Twerɛsɛm biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɔno ne agyenkwa no anaa odifoɔ no. Na Fariseefoɔ no gye diɛ sɛ Yesu yɛ trofoɔ, na wɔdii Nikodemo ho fɛw, nso na ɔpɛsɛ ɔkɔfa Yesu ba wɔn nkyɛn na ɔde ne nsɛm kyerɛkyerɛ wɔn sɛdeɛ ɔkyerɛ no na ɔgye diieɛ no.

NSƐMBISA:

  1. Adɛn nti asɔfoɔ no ne Fariseefoɔ no kasatiaa nnipa no nyinaa?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 02, 2022, at 07:08 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)