Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 006 (The Baptist prepares the way of Christ)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
A - Onyankopɔn Asɛm A Ɛdaa Ɛdi Wɔ Yesu Kristo Nipasu Mu (Yohanne 1:1-18)

2. Osuboni no siesie kwan mu maa Kristo no (Yohanne 1:6-13)


YOHANNE 1:9-10
9 Nokorɛ hann a ɛhyerɛn ma onipa biara no na ɛreba wiase yi. 10 ɔwɔ wiase dada, na ɛnam ne so na wɔyɛɛ wiase; nanso wiase anhu no.

Kristo ne nokorɛ kanea wɔ wiase yi mu. Honhom Kronkron no kaa Ne ho asɛm koraa ansana ɔreba wiase, wɔ mfeɛ bebree akyiri, a ɔnam Adiyifoɔ no so kasaeɛ. Apam Dada Nwoma no nso di adanseɛ bebree wɔ ne nkasaeɛ mu fa ne mbaeɛ a na ɔbɛba wiase no mu. Ɛno mu na Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ sɛ; "Na hwɛ, esum bɛkata asase so, na esum kabii akata aman so, nanso Awurade bɛpue wo so na n'animuonyam abɛda adi wo so." (Yesaia 60:2).

Wɔ nkyekyɛmu no mu no, Asɛm a ɛka sɛ "wiase no" ɛsi so mpren anan. Na Ɔsɛmpakani Yohanne nteaseɛ mu deɛ, ohunu wiase yi sɛ ne nkyerɛaaseɛ ɛkame ayɛ te sɛ ɛsum, ɛno nti ɔtwerɛeɛ sɛ, "Yɛnim sɛ, yɛfiri Onyankopɔn, na wiase nyinaa da ɔbɔnefoɔ no tumi mu" (1Yohanne 5:19).

Wɔ adebɔ mfiteaseɛ mu no na wiase nnyɛ bɔne, Ɛfirisɛ Onyankopɔn bɔɔeɛ wɔ papayɛ mu. Na saa ahoɔfɛdeɛ no ne papayɛ no hyɛɛ wiase nyinaa ma. "Na Onyankopɔn hunuu deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, na hwɛ, ɛyɛ pa ara." (Genesis 1:31) Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne seso na ɔde na'nnuoyam hyɛɛ onipa ma, na ɔmaa onipa sɛɛ ɔbɔadeɛ no annuoyam kanea no sɛ ahwehwɛ.

Nanso ɛsanesɛ ahantan nti, ne nyinaa bɛyɛɛ bɔne ne asoɔden. Na wɔpoo Onyankopɔn mu nkutahodie wɔ won akoma mu, ɛfirisɛ wɔmaa won ho kwan ma ɛsum mu ahonhom bɔ wuraa won. Sɛ obi twe ne ho firi Onyankopɔn ho a ɛma bɔne bɔ wura ne mu, sɛdeɛ David kaeɛ wɔ Nnwom14:1, "Ogyegyentwie se n'akomam sɛ, Onyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe wɔn nneyɛɛ ayɛ akyiwadeɛ, obi nni hɔ a ɔyɛ papa."

Ɔsɛmpakafoɔ Yohanne nso, dii adanseɛ wɔ saa nokorɛ yi ho sɛ Kristo baa bɔne wiase yi mu, te sɛ sɛdeɛ awia pue nkakra nkakra no, na ɛma ɛsum yera wɔ na'nim no. Saa ara nso na Kristo kanea no amba wiase yi mu te sɛ ɛyinam a ɛpa hyeren prɛkopɛ mu. Na mmom no ɔbaa wiase yi mu wɔ ahobrɛaaseɛ mu, na obuee obiara aniwa. Na ɛfei Awurade amba wiase yi mu sɛ ɔtɛnbufoɔ. Na mmom no ɔbaeɛ sɛ agyenkwa ne ɔgyefoɔ. Ɛno nti ɛsɛ sɛ obiara ma ho kwan na Kristo bue na'niwa. Na sɛ obi ani ammbue wɔ Kristo mu a, ɔdaso te ɛsum kabii mu. Kristo nkoaa na otumi bue aniwa wɔ nokorɛ mu, na obiara nni hɔ bio. Ɛno nti obiara a ɔnam asɛmpa no so na ɔbɛgye deɛ obue aniwa no ɛdi no, ne suban bɛsesa ama woabɛyɛ papa a ɔno nso bɛtumi abue afoforo nso ani bi.

Ɔdɔfoɔ so woanya nteaseɛ wɔ saa nkyerɛkyerɛmu yi mu sɛ, "Ɔbɔadeɛ no baa wiase yi mu"? Deɛ nnoɔma nyinaa yɛ ne dea no baa na'agyapadeɛ mu, na ɔhene no twi bɛnee Ne nkorɔfoɔ. Hwan na ɔbɛsɔre na woasiesie ne ho ama Ne mbaeɛ no? Hwan na ɔbɛsua nokorɛ a ɛfa Ne mbaeɛ no ho? na'hyɛdeɛ nwoma no ne Ne botaeɛ no? Hwan na obɛfiri wiase ne nnoɔma hunu mu na woahwehwɛ na woama Onyankopɔn a ɔreba no akwaaba? Hwan na otumi ahunu Ne nna no mu ne Ne dɔn soronko no mu, a Onyankopɔn no bɛba mu?

Na Awurade baa adebɔneyɛfoɔ ntam. Ɔbaeɛ wɔ bere a won ahunu no mpo, ɔyɛɛ Ne ho ketewaa ne koomyɛ mu. Ɛfirisɛ na ɔmpɛ sɛ obɛbue wiase ani wɔ akokorokodeyɛ mu, wɔ ne tumi kɛseɛ ne na'nnuoyam ahoɔden no mu. Na mmom ɔdaa na'hobrɛaaseɛ ɛdi, ne Ne dɔ ne Ne nokorɛdie ɛdi. Ɛfiri adebɔ mitiaseɛ mu no ahomasoɔ ne ahantan na ɛma onipa hwease. Ɛno ti Otumfoɔ no daa neho ɛdi wɔ ahobrɛaaseɛ mu. Na mpo ɔbonsam ankasa pɛɛ sɛ ɔyɛ kɛseɛ, na onya annuoyam, na na'ni bue sɛ Onyankopɔn ankasa. Nanso Kristo deɛ ɔbaeɛ te sɛ abofra a ɔyɛ mmere koraa, a wowoo no wɔ mboa ɛdidi adaka mu. Na na'hobrɛaaseɛ mu, ne odwoɔ mu, ne Ne'setie mu no na odii nkunim. Na ɔbrɛɛ Ne ho ase yiye kɔɔ fam duruu onipa mpenpensoɔ mu na ɛno mu na ɔmaa obiara so gyinaeɛ wɔ ne nkwagyeɛ tumi no mu.

Montie, nnipa nyinaa! Saa asɛmpa yi akyiri no, yɛkenkan asɛm a ɛyɛ hu na ɛbɔ hu, ɛne sɛ wiase yi nnim hyann no na ɛnhunu no nso. Na ɛnntumi hunu sɛ Onyankopɔn Ba no sɛ ɔbɛn na woaba won ntam nso. Na nnipa daso yɛ anifiraeɛfoɔ ne agyegyentwie, wɔ won nyansapɛ nyinaa mu no, ne won nhwehwɛmu nyinaa mu no, ne wiase nyansa nyinaa mu no. Won anntumi ahunu sɛ Onyankopɔn ankasa abɛgyina won nkyen. Won anntumi annhunu won bɔfoɔ no na ɛfei nso won anngye ɔtɛnbufoɔ ɔgyefoɔ no nso.

Wɔ saa nokorɛsɛm yi mu no, yɛn ntumi ahunu nhyehyɛeɛdeɛ bi a ɛwɔ Onyankopɔn ahendie mu. Ɛne sɛ yɛrenntumi mmfa yɛn adwene nte Onyankopɔn ase ne yɛn nipasu ahoɔden mu nko. Nyansa biara a ɛfa Kristo ne dɔ ho no fri nokorɛ adom mu ne akyɛdeɛ a ɛfiri Onyankopɔn nkyen. Ɛfirisɛ ɛyɛ Honhom Kronkron no na ɔfrɛ yɛn wɔ asɛmpa no mu, na obue yɛn aniwa wɔ na'kyɛdeɛ no mu na ɔkora yɛn so wɔ nokorɛ gyidie no mu. Ɛno nti ɛsɛ sɛ yɛsakyera na yɛammfa yɛn ho annto yɛn ankasa nimdeɛ so, anaa yɛn nhunumu so. Na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bue yɛn akoma mu ne yɛn mu adeɛ nyinaa de ma nokorɛ kanea no, te sɛdeɛ nhweren bue ne ho mu de ma owia kanea no. Wɔ saa kwan yi so na, Kristo mu gyidie no bɛtumi de nokorɛ nyansa no berɛ yɛn. Na saa gyidie mfitaseɛ yi mmfiri yɛn, na mmom ɛfiri Awurade Honhom a ɔyɛ adwuma wɔ won a wɔyɛ osetie ma No no mu.

MPAEBƆ: Yɛ da wo ase, Awurade Kristo, sɛ wo baa wiase yi mu. Na woamba sɛ worebɛbu atɛn ne akatua, na mmo wobaeɛ sɛ worebɛbue nnipa nyinaa aniwa, ne won nkwagyeɛ. Nanso yɛyɛ anifiraeɛfoɔ ne agyengyetwie. Fa yɛn bɔne nyinaa kyɛ yɛn na ma yɛn osetie akoma. Bue yɛn aniwa sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛbɛtumi ahunu wo yiye, na bue yɛn kra mu na yɛatumi ahunu wo kanea no hyeren no, na yɛn atumi atena wo Honhom Kronkron tumi no mu.

NSƐMBISA:

  1. Nkutahodie ayɔnkofa bɛn na ɛda Kristo a ɔyɛ kanea no ne wiase ɛsum no ntam?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:06 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)